Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/97 kr. 1
  • Ofie Bible Adesua a Enya Nkɔanim a Yɛbɛyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ofie Bible Adesua a Enya Nkɔanim a Yɛbɛyɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ɔfã 4—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 5/97 kr. 1

Ofie Bible Adesua a Enya Nkɔanim a Yɛbɛyɛ

1 Dɛn na ɛma ɔyarehwɛfo bi a ɔwɔ Tanzania, abeawa bi a ɔwɔ Argentina, ne ɛna bi a ɔwɔ Latvia tebea di nsɛ? Afe 1997 Yearbook (nkr. 8, 46, ne 56) bɔ amanneɛ sɛ wɔn baasa nyinaa nyaa nkɔanim ntɛmntɛm wɔ ofie Bible adesua horow a wɔne wɔn yɛe mu, esiane ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛboro adesua biako dapɛn biara wɔ Nimdeɛ nhoma mu no nti. Wɔakamfo akyerɛ sɛ bere biara a ebetumi ayɛ yiye no, ɛsɛ sɛ adawurubɔfo bɔ mmɔden sɛ wobesusuw nhoma no ti biako ho awie bere biara a wosua ade no. Nanso ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛyɛ saa. Ɛwom sɛ pii begyina osuani biara tebea ne ne mmɔdenbɔ so de, nanso akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw anya mfaso afi nyansahyɛ horow a edidi so yi a wɔde adi dwuma no so.

2 Sɛnea yesusuw ho wɔ July 1996 Yɛn Ahenni Som no krataa a ɛhyem no mu no, ɛho hia sɛ wotete w’asuafo ma wosiesie wɔn ho ma adesua no. Mfiase pɛɛ no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu na woakyerɛ no sɛnea wɔyɛ eyi. Fa w’ankasa wo Nimdeɛ nhoma a woasua no kyerɛ wɔn. Wo ne wɔn mmom nsua adesua a edi kan no. Boa osuani no ma onhu sɛnea wonya nsɛmfua atitiriw anaa nsɛm a ebua nsɛmmisa a wɔatintim no tee, na ontwitwa ase anaa ɔnhyɛ no agyirae. Adawurubɔfo binom mpo ama wɔn asuafo nea wɔde twitwa nsɛm ase anaasɛ wɔde hyɛ nsɛm agyirae. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan kyerɛw nsɛm a wɔnkaa mu nsɛm no, bere a wɔresiesie wɔn ho ama adesua no. Ɛdenam saayɛ so no, na worekyerɛ wɔn sɛnea wosiesie wɔn ho ma Asafo Nhoma Adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua nso.—Luka 6:40.

3 Ɔkyerɛkyerɛfo pa renkasa pii na mmom ɔbɛboa ne suani no ma wakasa. Ɔkwati sɛ ɔbɛma nsɛm nketenkete atwetwe n’adwene. Ɛntaa mma sɛ ɔde nsɛm foforo bɛhyehyɛ mu. Mmom no, osi adesua no mu nsɛntitiriw so dua. Ebinom de nhoma foforo ama wɔn asuafo na aboa wɔn ma wɔanya wɔn nsɛmmisa ho mmuae. Bio nso, anigyefo betumi anya nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri pii aka ho denam asafo nhyiam horow a wɔbɛkɔ so.

4 Ebia ɛho renhia sɛ mokenkan kyerɛw nsɛm a wɔnkaa mu nsɛm no nyinaa wɔ adesua no mu. Wubetumi akyerɛkyerɛ nsɛntitiriw bi a ɛwɔ kyerɛw nsɛm a wɔafa mu asɛm aka wɔ nkyekyem no mu no mu. Bere a moreyɛ ntimu no, si kyerɛw nsɛm atitiriw a mususuw ho no so dua na hyɛ osuani no nkuran sɛ ɔnkae eyinom.

5 Bere Tenten Bɛn na Ɛsɛ sɛ Adesua Biara Di?: Enhia sɛ wɔhyɛ dɔnhwerew biako ma adesua no. Afiewuranom bi wɔ mmere na ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔde bere tenten sua ade. Anaasɛ ebia osuani no bɛpɛ sɛ osua ade boro pɛnkoro dapɛn biara. Mfaso bɛba eyi so ama wɔn a wobetumi ayɛ saa no.

6 Sɛnea Yesaia 60:8 kyerɛkyerɛ mu no, Yehowa ayeyifo foforo ɔpehaha pii a “wotu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankasa mu” ba ne nkurɔfo asafo horow mu. Momma yɛn nyinaa nyɛ yɛn fam de na yɛne Yehowa mmom nyɛ adwuma, bere a ɔma wɔn a wɔte sɛ nguan no anoboaboa kɔ so ntɛmntɛm no.—Yes. 60:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena