Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/97 kr. 1
  • Woyɛ W’ade Dɛn Wɔ Anibiannaso Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woyɛ W’ade Dɛn Wɔ Anibiannaso Ho?
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So Bere Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • “M’ani Nnye Ho”
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • So Wɔde Nnianim Asɛm A Ɛfata Di Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 10/97 kr. 1

Woyɛ W’ade Dɛn Wɔ Anibiannaso Ho?

1 Anibiannaso yɛ biribi ho nkate a obi nni, ɛho anigye a onni anaa hia a ɛho nhia no. Ɛyɛ suban ahorow a ɛmfata koraa a yɛtaa hyia wɔ asɛnka adwuma mu no mu biako. Woyɛ w’ade dɛn wɔ ho? So ama woagow wo ho wɔ asɛnka adwuma no mu? Wobɛyɛ dɛn atumi adi so na ama wode Ahenni ho asɛm no adu nkurɔfo nkyɛn?

2 Nea edi kan no, hu nea enti a nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu yɛ anibiannaso no. So ɛyɛ huammɔ a wɔn amammui ne nyamesom akannifo adi wɔn nti? So wɔte nka sɛ ɔhaw ahorow a wɔrehyia no ano aduru biara nni hɔ? Wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ bɔhyɛ ahorow a ɛfa biribi pa ho? Wɔmpɛ sɛ wobesusuw honhom fam nneɛma ho gye sɛ wohu mfaso horow bi a wɔn nsa betumi aka no ntɛmpa ara ansa?

3 Si Ahenni Anidaso no so Dua: Ɔhaw biara nni hɔ a Ahenni no renni ho dwuma. Enti ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho bɔhyɛ ahorow no ho asɛm bere a yebetumi, na yɛtwe adwene si Kyerɛwnsɛm mu nsɛm atitiriw so, sɛ ɛrenyɛ yiye anaasɛ ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm bi mpo a. (Heb. 4:12) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka nneɛma a ɛte saa ho asɛm?

4 Ehia sɛ nkurɔfo te nea enti a yɛba wɔn nkyɛn no ase. Ehia sɛ wohu sɛ ɛyɛ yɔnkodɔ ne mpɔtam hɔfo ho a yedwen nti na yɛba wɔn nkyɛn. Yebetumi abisa asɛm bi a yɛasusuw ho yiye sɛ, “Wususuw sɛ dɛn ne [ɔhaw a ɛwɔ mpɔtam hɔ] no ano aduru?” Sɛ wofa ɔkwan biako so na anyɛ yiye a, sɔ foforo hwɛ.

5 Wɔ asasesin bi a emufo di yiye a na afiewuranom yɛ Ahenni asɛm no ho anibiannaso mu no, adawurubɔfo no bɔɔ mmɔden hwehwɛɛ nnianim asɛm bi a na ɛbɛkanyan wɔn anigye. Bere a na awarefo bi de Nimdeɛ nhoma no rema no, wɔsɔɔ nnianim asɛm yi hwɛe: “Wususuw sɛ nhomasua papa ho hia na ama obi adi yiye wɔ wiase nnɛ? So wugye tom sɛ ɛho behia sɛ obi nya Bible mu nimdeɛ ka ne nhomasua ho na ama ayɛ nea edi mu?” Awia bi wɔmaa nhoma abiɛsa, na wɔde emu biako maa ɔbea bi a akyiri yi ɔkae sɛ wakenkan Nimdeɛ nhoma no nyinaa awie, na ɔpenee Bible adesua so.

6 Sɛ wuhyia anibiannaso a, sɔ akwan foforo hwɛ, bisa nsɛm a ɛkanyan adwene, na fa wo ho to Onyankopɔn Asɛm mu ahoɔden so. Wonam saayɛ so betumi aboa afoforo ma wɔagye Ahenni anidaso a ɛyɛ anigye no atom.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena