Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 1998
Sɛ́ obi bɛkɔ sukuu no kyerɛ sɛ “wɔbɛkyerɛkyerɛ no anaa wɔbɛma wanya nimdeɛ anaa ahokokwaw pɔtee bi.” Wɔnam Teokrase Ɔsom Sukuu no so tete yɛn ma yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ daa. Afei nso, yɛn ho a yɛde hyɛ sukuu yi mu no ma yetu mpɔn wɔ yɛn kasa ne yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Sukuu dwumadi ho nhyehyɛe ma 1998 no bɛma yɛanya hokwan pii de anya honhom fam nkɔso foforo.
Sɛ wohwɛ afe a edi hɔ no sukuu dwumadi no mu a, wubehu sɛ wɔde Dwumadi a Ɛto so 3 no agyina Bible mu nipa bi so bere ne bere mu sɛnea yehu wɔ Insight apo no mu no. Bio nso, wɔde Abusua Mu Anigye nhoma no aka 1998 sukuu dwumadi no ho, na Dwumadi a Ɛto so 3 ne 4 no bɛka mu nsɛm nkakrankakra. Bere biara a wɔde Dwumadi a Ɛto so 4 begyina Abusua Mu Anigye nhoma no so no, ɛsɛ sɛ onuabarima bi ma no sɛ ɔkasa kyerɛ asafo no. Na yɛrebɔ nkae sɛ ɛnsɛ sɛ obiara a wɔma no sukuu dwumadi no di bere sen nea wɔde ama no no.
Ade Foforo: Nea ɛbɛyɛ mfaso ama yɛn ankasa no, wɔde “Bible Akenkan Nhyehyɛe Foforo” ma dapɛn biara ahyɛ nkahyemde mu wɔ dwom a yɛbɛto no akyi pɛɛ. Ɛwom sɛ dapɛn dapɛn sukuu dwumadi no biara nnyina so de, nanso fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan. Eyi bɛma ayɛ wo su sɛ wobɛkenkan Bible no daa, sɛ wonyɛ saa dedaw a.
Sɛ wopɛ dwumadi, afotu, ne sɔhwɛ ahorow no ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo kenkan akwankyerɛ a ɛwɔ “Theocratic Ministry School Schedule for 1998” no mu, ne October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3 no.
Sɛ wunnya mfaa wo ho nhyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, yɛto nsa frɛ wo sɛ yɛ saa seesei. Saa sukuu a ɛda nsow yi kɔ so di dwuma titiriw wɔ ntetee a wɔde ma Yehowa asomfo a wodwo na wɔwɔ ahofama no mu ma wɔbɛyɛ n’asomfo a wɔfata kɛse.—1 Tim. 4:13-16.