Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/99 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2000

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2000
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2001
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 1998
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 12/99 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2000

1 Teokrase Ɔsom Sukuu no ama Yehowa nkurɔfo anya nhyira pii. Aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔatumi abɛyɛ Bible mu nokware ahorow no ho akasafo ne akyerɛkyerɛfo wɔ baguam wɔ bɛboro mfe 50 ni. (Dw. 145:10-12; Mat. 28:19, 20) So wutumi hu sɛnea sukuu no aboa wo no? Sɛ wode wo ho hyem kosi ase na wode afotu a wɔde ma no di dwuma a, ebetumi akɔ so aboa wo wɔ afe 2000 mu.

2 Wɔde dwumadi no ho akwankyerɛ ne nhoma ahorow a yɛde bedi dwuma no ama wɔ sukuu dwumadi nhyehyɛe ma afe 2000 no kratafa a edi kan no mu. Wɔde bere a wɔatwa ama ɔfã biara, nhoma a nsɛm no fi mu, sɛnea yɛde dwumadi no bɛma, ne nkyerɛkyerɛmu afoforo nso ama. Yɛsrɛ sɛ gye bere kenkan akwankyerɛ no yiye na fa di dwuma.

3 Dapɛn Biara Bible Akenkan: Dapɛn biara Bible akenkan dwumadi ahorow abien na ɛwɔ sukuu dwumadi nhyehyɛe no so. Biako yɛ akenkan nhyehyɛe a ɛfa Bible no nkratafa bɛyɛ anum ho no. Bible mu nsɛntitiriw no gyina saa akenkan yi so. Akenkan dwumadi foforo no yɛ nea wɔde aka ho, na ekura nsɛm a ɛbɛyɛ nea edi kan no mmɔho abien. Sɛ wudi nhyehyɛe yi akyi a, wubetumi de mfe abiɛsa akenkan Bible mũ no nyinaa awie. Yenim sɛ ebinom bɛpɛ sɛ wɔkenkan nea ɛdɔɔso sen nhyehyɛe foforo a wɔayɛ de aka ho no, na ebia afoforo nso ntumi nkenkan ne nyinaa. Sɛ anka wode wo ho bɛtoto afoforo ho no, ma w’ani nnye nea wubetumi akenkan no ho mmom. (Gal. 6:4) Nea ɛho hia ne sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da.—Dw. 1:1-3.

4 Sɛ wobɛkyerɛw wo din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, ɛsɛ sɛ wo ne sukuu sohwɛfo no ka ho asɛm. Yɛsrɛ sɛ ntoto wo dwumadi ahorow ase koraa, na ntwitwam basabasa. Kyerɛ sukuu no ho anisɔ sɛ nsiesiei a efi Yehowa hɔ. Siesie wo ho yiye, kenkan asɛm a wɔde ama no fefeefe, na fi komam ka na ama woanya sukuu a ɛda nsow yi so mfaso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena