Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/98 kr. 7
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔsom Adwuma Sohwɛfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔsom Adwuma Sohwɛfo
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa Wɔ Bere A Ɛsɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Ɔfã 5: Ɔsom Adwuma Sohwɛfo Nsrahwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 9/98 kr. 7

Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔsom Adwuma Sohwɛfo

1 Biribiara a ɛbɛma asɛmpaka adwuma no anya nkɔso wɔ asafo no asasesin mu ho hia ɔsom adwuma sohwɛfo no titiriw. Enti odi dwuma titiriw de boa yɛn ma yedi yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ yɛbɛka asɛmpa no ho dwuma. Sɛ́ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi no, odi anim yɛ biribiara a ɛfa asɛnka ho nhyehyɛe. Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔbɔ mmɔden no, ɔboa adawurubɔfo ankorankoro ma wotu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu.—Efe. 4:11, 12.

2 Saa ɔpanyin yi hwɛ asafo mu asomfo a wɔhwɛ nhoma, nsɛmma nhoma, ne asasesin so no dwumadi so tẽẽ. Ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɛhwɛ ahu sɛ nhoma, nsɛmma nhoma, ne service forms a ɛdɔɔso wɔ hɔ a wɔde bedi dwuma ɔsram biara. Pɛnkoro afe biara no, ɔhwehwɛ asasesin ho kyerɛwtohɔ mu de hu afie a wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ hɔ no, na ɔma anuanom a wɔn ho akokwaw kɔsra saa afie yi.

3 Ɛyɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no asɛyɛde sɛ ɔbɛhwɛ asɛnka adwuma no afã ahorow nyinaa so, a nea ɛka ho ne nnwumam, mmɔnten so, ne telefon so adansedi. Ɔhwɛ yɛ nhyehyɛe pa ma wohyiam kɔ asɛnka dapɛn no mu nyinaa, a nnapɔnna ka ho. Ɔma n’ani kũ Bible adesua a wɔyɛ ho ankasa. Ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ayɛ wɔn a wɔtoto asɛnka mu anaa wɔayɛ mmerɛw no mmoa wɔ honhom fam. Odwen akwampaefo dwumadi ho yiye, na ɔhwɛ Akwampaefo Boa Afoforo dwumadi no so.

4 Sɛ́ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni no, ɔsom adwuma sohwɛfo no de nsakrae ahorow a ɛho hia sɛ wɔyɛ wɔ Asafo Nhoma Adesua akuw mu ho nyansahyɛ ma. Sɛ ɔbɛsra wo kuw a, hwɛ hu sɛ wobɛkɔ adesua na wo ne no anya asɛnka adwuma mu kyɛfa.

5 Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa fi ɔpɛ mu ne ɔsom adwuma sohwɛfo no yɛ biako wɔ akwankyerɛ a ɔde ma ho. Eyi bɛboa ma yɛatu mpɔn kɛse wɔ asuafoyɛ adwuma no mu, na yɛanya anigye kɛse wɔ yɛn som adwuma no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena