Ahwɛfo a Wodi Anim—Teokrase Ɔsom Sukuu Sohwɛfo
1 Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no yɛ honhom mu panyin a ɔbɔ mmɔden wɔ kasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu, na ɔfata sɛ yedi no ni na yɛne no yɛ biako. (1 Tim. 5:17) Dɛn ne n’asɛyɛde ahorow?
2 Ɔno na Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no hyɛ ne nsa. N’ani gye ho yiye sɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔfata nyinaa nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ sukuu no mu. Ɔhwɛ hu sɛ ɔbɛyɛ kyerɛwtohɔ a ɛfata, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyekyɛ dwumadi pɛpɛɛpɛ wɔ anyɛ yiye koraa no dapɛn abiɛsa ansa na wɔayɛ sukuu biara. Ehia sɛ ohu asafo no mufo yiye, na ohu sukuuni biara ne ne mmɔdenbɔ. Ɛwom sɛ onua foforo betumi aboa no ma wahyehyɛ sukuu dwumadi no de, nanso n’ankasa na ɔhwɛ kyekyɛ dwumadi no wɔ ɔkwan a ɛfata so.
3 Nea ɛbɛyɛ na wakyerɛkyerɛ yiye wɔ sukuu no mu no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo no siesie ne ho yiye dapɛn biara, na osua dwumadi a ɔde ahyɛ nkurɔfo nsa no yiye. Eyi boa ma ɔma asafo no ani gye nea wɔresua no ho, ohu sɛ wɔadi ɔfã no ho dwuma ɔkwampa so, na osi nsɛntitiriw a ebepue wɔ teokrase ɔsom sukuu sɔhwɛ mu no so dua.
4 Wɔ sukuuni biara dwumadi akyi no, ɔhwɛfo no bɛkamfo no na wakyerɛ baabi a ɔbɔɔ mmɔden ne baabi a ohia mpɔntu. Sɛ obi hia ntetee foforo na ɔde asiesie ne sukuu dwumadi a, ɔhwɛfo no anaa obi a ɔbɛpaw no betumi ayɛ onii no mmoa.
5 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no ne afotufo foforo a ɔne wɔn yɛ adwuma no adwumaden mu mfaso akosi ase no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ sukuu no daa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ dwumadi biara a wɔde hyɛ yɛn nsa nso, na yɛde afotu a wɔde ma yɛn ne nea wɔde ma sukuufo foforo no di dwuma. Saa kwan yi so no, yɛde nkakrankakra betu mpɔn wɔ Ahenni asɛm no a yɛka wɔ baguam ne afie afie no mu.—Aso. 20:20; 1 Tim. 4:13, 15.