Wiase Nhomasua ne Wo Honhom Fam Botae Horow
1 Nhoma a wubesua no yiye wɔ wo mmofraase no betumi ama woatumi ahu akenkan ne akyerɛw yiye na ama woatumi anya asase ho nsɛm, abakɔsɛm, akontaabu, ne nyansahu, ho ntease. Wɔ eyi yɛ mu no, wubetumi asua sɛnea wosusuw nneɛma ho yiye, yɛ nokwasɛm ahorow mu nhwehwɛmu, di nsɛnnennen ho dwuma, na woatumi anya nsusuwii pa. Nhomasua a ɛte saa bɛboa wo kɛse wɔ w’asetra nyinaa mu. Wobɛyɛ dɛn atumi ama nhomasua ne w’asetram honhom fam botae horow ahyia na aboa wo ma woanya ‘nyansa ne adwempa’?—Mmeb. 3:21, 22.
2 Ma Wo So Mmra Mfaso Wɔ Onyankopɔn Som Mu: Bere a woda so kɔ sukuu no, tie nea wɔkyerɛ wo no yiye na yɛ dwumadi a wode ba fie bɛyɛ no yiye. Sɛ wutumi hu akenkan ne adesua yiye a, wubetumi ahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu yiye a wommrɛ ho na ama woayɛ den honhom mu. (Aso. 17:11) Nimdeɛ a ɛkɔ akyiri bɛboa wo ma woakasa akyerɛ obiara a wuhyia no wɔ asɛnka mu a ne gyinabea, nea n’ani gye ho ne ne gyidi mfa ho. Wubenya nea wusua wɔ sukuu no so mfaso bere a wudi wo Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no.—Fa toto 2 Timoteo 2:21; 4:11 ho.
3 Sua sɛ Wobɛhwɛ Wo Ho: Sɛ woyere wo ho a, wubetumi asua nneɛma a wubehia a ebetumi ama woanya w’asetram ahiade bere a woawie sukuu no. (Fa toto 1 Timoteo 5:8 ho.) Paw nea wusua no yiye. Sɛ anka wobɛpaw adesua a ɛmma wontumi nnya adwuma ntɛm no, wubetumi asua nsaanodwuma a ɛbɛma woanya adwuma a eye wɔ baabiara. (Mmeb. 22:29) Adesua a ɛte sɛɛ bɛma woatumi ahwɛ wo ho, sɛ ɛba sɛ wopaw sɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ faako a mmoa hia kɛse no a.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 18:1-4 ho.
4 Mfitiase nhomasua a ɛfata a wubenya bere a wokɔ sukuu no betumi aboa wo ma woatrɛw wo som adwuma no mu. Yere wo ho denneennen fa hwehwɛ nimdeɛ a ebetumi aboa wo ma woahwɛ wo ho bere a woyɛ pii wɔ Yehowa som mu no. Sɛ woyɛ saa a, sukuu a wokɔ no bɛboa wo ma woadu wo honhom fam botae horow ho.