Awofo—Monyɛ Nhwɛso Pa Mma Mo Mma
1 Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ “ahurusi na ɔtreneeni agya [ne ne na] bedi.” (Mmeb. 23:24, 25) Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ ma awofo a wɔayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma! Baa Boayikuw bi muni kaa n’awofo ho asɛm sɛ: “Ná nokware no da adi wɔ wɔn asetra nyinaa mu, na mepɛe sɛ me nso mede yɛ m’asetra nyinaa.” Dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra hu wɔ wɔn awofo ho?
2 Suban Pa ne Obu a Emu Dɔ: Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔde su pa dua wɔn mma mu. Ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ a wɔde ma kɛkɛ no so na obi fa sua suban pa, na mmom ɛnam nea ohu ne nea osuasua so. Enti, suban bɛn na moda no adi? So mo mma te sɛ moka sɛ “mepa wo kyɛw,” “mesrɛ wo,” ne “meda wo ase”? Mokyerɛ obu a emu dɔ ma mo ho mo ho wɔ abusua no mu? Sɛ afoforo kasa a mutie? Sɛ mo mma ne mo kasa a, mutie? So moda su pa yi adi wɔ Ahenni Asa so ne fie nyinaa?
3 Honhom Mu Denyɛ ne Adwuma a Wɔde Nnam Yɛ: Onua bi a ɔde bɛboro mfe 50 ayɛ bere nyinaa som adwuma no ka sɛ: “Ná me maame ne me papa yɛ nhwɛso pa kyerɛ anisɔ wɔ nhyiam ho de nnam yɛ ɔsom adwuma no.” Ɔkwan bɛn so na moma mo mma hu sɛ mo fiefo honhom fam yiyedi a wobekura mu no ho hia mo? So mobom susuw daa asɛm no ho? Moyɛ abusua adesua daa? So mo mma hu sɛ mokenkan Bible ne Asafo ti nhoma ahorow no? Sɛ mobɔ mpae ma abusua no a, dɛn na wɔte sɛ moka? So mo ne mo mma bɔ nkɔmmɔ a ɛma honhom mu denhyɛ, na mobɔ nneɛma pa a ɛfa nokware no ne asafo no ho nkɔmmɔ? So mowɔ ɔpɛ sɛ mobɛkɔ asafo nhyiam horow no nyinaa na moayɛ asɛnka adwuma no sɛ abusua?
4 Awofo, munsusuw nhwɛso a moreyɛ ama mo mma no ho. Momma ɛnyɛ papa paa, na wobebu no sɛ ɛsom bo wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. Ɔhwɛfo kwantuni bi yere a seesei wadi mfe 70 ne akyi no kae sɛ: “Meda so ara nya mfaso fi nhwɛso pa a m’awofo Kristofo a wɔwɔ dɔ yɛe no mu. Mpae a na mifi me komam bɔ ne sɛ mɛkyerɛ agyapade yi ho anisɔ kɛse denam di a mede bedi dwuma yiye daa no so.”