Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/99 kr. 8
  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Hinduni?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Hinduni?
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hindusom—Ahofadi a Wɔhwehwɛ
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Adanse a Yebedi Nnipa a Wɔka Kasa Horow na Wɔwɔ Ɔsom Ahorow Nyinaa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Ho
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 9/99 kr. 8

Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Hinduni?

1 Sɛnea ebia wunim no, Hindufo pii tete nsase horow so a yɛn man yi nso ka ho. Eyi kyerɛ sɛ da bi wubehyia Hinduni wɔ wo som adwuma no mu. Sɛ wuhyia bi a, dɛn na wobɛka?

2 Kae Nsɛntitiriw Yi: Asɛmpatrɛwfo a wɔatumi adi Hindufo adanse ka sɛ ɛho nhia sɛ wusua Hindusom ho ade pii na ama woatumi adi adanse a etu mpɔn. Nokware no a wɔde anifere ka ho asɛm tiawa no ma wɔtaa tie. Di kan ka sɛ wopɛ sɛ wo ne abusua no ti kasa. Sɛ otie wo a, ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wubedi abusua no mufo afoforo adanse. Mfiase no, mma ofiewura no nnnya adwene sɛ woreka asɛm bi a eye kyɛn nea ogye di no anaa wopɛ sɛ mususuw nokware Nyankopɔn koro pɛ no anaa kyerɛw kronkron a akyɛ sen biara no ho. Esiane sɛ Hindufo pii bu Bible sɛ Atɔe famfo nhoma nti, wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnhyɛ ɔman bi nkuran sɛ enni afoforo so na ɛnka sɛ abusua bi sen foforo. Ɛno bɛma wanya Bible ho adwempa.

3 Fa Nnwinnade a Ɛfata Di Dwuma: Wɔahyɛ da ayɛ nhomawa bi ama Hindufo titiriw. Wotintim Our Problems—Who Will Help Us Solve Them? no wɔ Gujarati, Punjabi ne Indiafo kasa foforo 11 nso mu. Wubenya ne nyinaa bi nso wɔ Engiresi kasa mu. Ada adi sɛ wɔatumi de “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” ne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no adi Hindufo adanse ma atu mpɔn. Wubetumi de Ahwehwɛde nhomawa ne Nimdeɛ nhoma no ayɛ Bible adesua ma asow aba.

4 Ka Biribi a Mo Adwene Hyia Wɔ Ho: Ɛnyɛ den sɛ wubenya biribi a wo ne Hinduni adwene behyia wɔ ho. Wogye di sɛ yɛte bere a nsɛmmɔnedi abu so sen biara mu, na Onyankopɔn de ɔsɛe kɛse bi bɛba abeyi wiase mu haw ahorow afi hɔ na ɛno akyi no nokwaredi bere bi aba. Wutumi hu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkyerɛ sɛ saa gyidi yi ne Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa nna a edi akyiri, ahohiahia kɛse no, ne wiase foforo a ɛreba ho, no hyia. Esiane sɛ Hindufo dodow no ara hu asetra sɛ ɛyɛ ɔhaw a ɛba toatoa so a yenni ano aduru nti, wɔn ani gye nsɛm a ɛfa abusua asetra, nsɛmmɔnedi ne ahobammɔ, ne nea ɛba wɔ owu mu ho no ho. Nsɛm a wubetumi aka akyerɛ wɔn abien ni.

5 Ɔbarima a ɔwɔ abusua ani betumi agye eyi ho:

◼ “Meresrasra nnipa a sɛnea abusua asetra te wɔ aman pii mu nnɛ no haw wɔn no. Wususuw sɛ dɛn na ɛbɛboa mmusua ma wɔayɛ biako? [Twɛn ma ommua] Nnipa bi nim nea Hindufo kyerɛw nsɛm ka fa abusua ho, nanso wonnyaa hokwan da sɛ wɔde eyi bɛtoto nea Bible ka fa asɛm no ho ho. Mepɛ sɛ mekenkan asɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:12-14 yi kyerɛ wo.” Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm no wie a, fa Nimdeɛ nhoma no ti 15 kyerɛ ofiewura no na ka sɛ: “M’ani begye ho sɛ me ne wo de bere kakra bɛkenkan ti yi mu nsɛm.”

6 Ebia aberante betie eyi:

◼ “Akyinnye biara nni ho sɛ wugye Onyankopɔn di. Wususuw sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma yɛn ne dɛn?” Twɛn ma ommua. Afei kenkan Genesis 1:28 na ka sɛ: “Nnipa adɔɔso dodo wɔ mmeae pii, na ɔhaw ayɛ hɔ ma. So wususuw sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yedi yɛn haw ahorow ho dwuma?” Sɛ wutie ne mmuae no wie a, dan kɔ nhoma a ɛfata no so.

7 Ma Biribi Pa Mfi Mu Mmra: Hinduni bi a wadi mfe 22 kɔɔ onuawa bi a na ɔredi adanse wɔ gua so nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ onuawa no sɛ ɔtee sɛ na ɔne ne maame rebɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ mfe awotwe a na atwam no mu. Ɛwom sɛ na n’ani gye adesamma haw ahorow ano aduru a ɛfata a Bible no de ma no ho de, nanso na ne maame ani nnye ho na na ɔte nka sɛ onnyinii koraa sɛ n’ankasa besua nokware no. Afei de wanyin, enti ɔpɛ sɛ osua pii. Aberante no ansɛe bere koraa. Ɔde nnafua 23 pɛ suaa Nimdeɛ nhoma no wiei, na ɔkae sɛ wɔmmɔ no asu wɔ asram anan pɛ mu wɔ bere a ɔne onuawa no hyiae no akyi!

8 Onua bi ne Hinduni barima bi a ohyiaa no wɔ keteke mu fii adesua ase. Ná nsɛmnsɛm wɔ ɔbarima no aware mu. Ná ɔnom nsa nso dodo. Ɔbarima no penee so sɛ Ɔdansefo no mmra ne nkyɛn mmɛka Bible afotu a ɛfa abusua asetra ho no nkyerɛ no. N’ani gyee abrabɔ pa ho nkyerɛkyerɛ a Bible no de ma ho, na ɔpenee so sɛ wɔne no nsua Bible. Ɔne n’abusua fii ase kɔɔ asafo nhyiam. Akyiri yi, wɔkaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo. Seesei, saafo yi mu baasia agye nokware no!

9 Onyankopɔn pɛ ne sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Tim. 2:4) Mmarima ne mmea a wɔnyɛ Kristofo, te sɛ Hindufo nso ka ho. Sɛ Hindufo wɔ mo asasesin mu a, dɛn nti na monkɔ wɔn nkyɛn nnansa yi ara na momfa asɛm yi mu nyansahyɛ ahorow no bi nni dwuma?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena