Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/99 kr. 1
  • Hena na Yebetumi ne No Ayɛ Bible Adesua?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena na Yebetumi ne No Ayɛ Bible Adesua?
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyebɛ—Denam Bible Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Yehia—Bible Adesua Pii
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Akyerɛkyerɛfo, Ɛnyɛ Asɛnkafo Kɛkɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔ
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 11/99 kr. 1

Hena na Yebetumi ne No Ayɛ Bible Adesua?

1 Odiyifo Amos kae sɛ ɔkɔm bɛba Israel asase so, “ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na [Yehowa, NW] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi aboa wɔn a honhom mu kɔm ne sukɔm de wɔn no, Yehowa ahyehyɛde no rekyekyɛ Bible mu nhoma pii ama nkurɔfo wɔ wiase nyinaa.

2 Enti ɛde besi nnɛ no, yɛatintim Nimdeɛ nhoma no ɔpepem 70 ne Ahwehwɛde nhomawa no ɔpepem 91. Yɛn ani sɔ sɛnea yetumi de nhoma ahorow yi kyerɛkyerɛ afoforo nokware no wɔ ɔkwan tiaa a etu mpɔn so no. Nanso, ɛda adi pefee sɛ nnipa pii na wɔagye yɛn nhoma ahorow no bi a yennya ne wɔn nsuaa Bible no. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ eyi ho?

3 Nhoma Biara a Yɛde Ma no Betumi Ama Yɛafi Adesua Ase! Susuw osuahu a ɛfa ɔdawurubɔfo bi a ɔka kyerɛɛ ɔbea bi sɛ ɔne no bɛyɛ adesua bere a edi kan a ɔkɔɔ ne fie no ho. Ɔbea no penee so ntɛm ara. Akyiri yi, ɔbea no ka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo no sɛ, “Wone onipa a odi kan koraa a ɔne me ayɛ Bible adesua ho nhyehyɛe.” Nnipa ahe na wɔwɔ w’asasesin no mu a wɔwɔ yɛn nhoma no bi a wobetumi aka saa? Nhoma biara a yɛde ma no betumi ama yɛayɛ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua.

4 Esiane sɛ yɛtaa hyia nkurɔfo a wɔwɔ yɛn nhoma no bi dedaw nti, yɛbɛyɛ dɛn na yɛama wɔatumi anya nhoma no ho anigye na wɔasua nea ɛwom no? Ɔdansefo bi boapa bisaa ofiewura bi sɛ ebia ɔwɔ Bible mu asɛmmisa bi anaa, nanso ɔkae sɛ, “Dabi.” Onuawa no kae sɛ, “Minim sɛ wowɔ bi.” Ofiewura no bisaa asɛm bi, na ɛno maa wofii adesua ase. Dɛn nti na wummisa ofiewura bi sɛ ebia ɔpɛ sɛ ohu nea Bible ka fa asɛm bi anaa biribi a ɛhaw no ho? Siesie wo ho sɛ wubebisa asɛm bi sɛ ɛba sɛ nea wo ne no rekasa no nni asɛmmisa biara a. Nkɔmmɔbɔ a ɛte saa betumi ama moafi ase asua Bible mu nokware titiriw no daa.

5 Yɛn som adwuma no gyina Bible adesua a yɛbɛyɛ so. Esiane sɛ yennim nea ebia ɔbɛpene so ma yɛne no ayɛ adesua nti, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ obiara a wobɛkɔ ne hɔ no. Ka ho asɛm kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu na hwehwɛ obi a wo ne no bɛyɛ adesua. Ɛnkyɛ koraa wubetumi anya obi a wo ne no bɛyɛ adesua!—1 Yoh. 5:14, 15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena