Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/99 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nyankopɔn Fi No a Yɛrennyaw
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa ma Wɔasiesie Yɛn Ahenni Asa So?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 11/99 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Henanom na ɛsɛ sɛ wosiesie Ahenni Asa So?

Ahenni Asa a ɛhɔ tew na ɛyɛ fɛ no fata asɛmpa a yɛka no kɛse. (Fa toto 1 Petro 2:12 ho.) Ɛho hia sɛ yɛma Asa no ho tew na ɛyɛ fɛ. Obiara betumi asiesie hɔ bi. Ɛnsɛ sɛ yɛdan adesoa no to nnipa kakraa bi so. Wɔtaa yɛ nhyehyɛe ma Asafo Nhoma mu Adesua akuw no siesie hɔ, a adesua kuw sohwɛfo ne n’abadiakyiri na wɔhwɛ ma wɔyɛ. Asa ahorow a asafo bɛboro biako na wohyia hɔ no, mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma asafo ahorow a wohyia hɔ no nyinaa siesie hɔ bi.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi asɛyɛde yi ho dwuma ma afata? Ɛsɛ sɛ wosiesie Ahenni Asa no so daa sɛnea wɔayɛ nhyehyɛe no. Ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a ehia a ɛsɛ sɛ wɔde siesie hɔ no ma bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no bɔ beae a adwumayɛfo no betumi ahu na wɔatumi adi akwankyerɛ no so. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe no abien, nea wɔde besiesie hɔ bere a wɔapɔn adesua biara, ne nea wɔde besiesie hɔ yiye dapɛn biara. Ɛsɛ sɛ nhoma mu adesuakuw so hwɛfo no yɛ da a wobesiesie hɔ nyinaa ne bere a wɔde bɛyɛ saa no ho nhyehyɛe a ɛfata na ama wɔn a wɔde ahyɛ wɔn nsa no nyinaa atumi akɔ. Ɛsɛ sɛ yɛma beae a wɔaduadua nsensan, nhwiren ne nnua no a yebesiesie no nso hia yɛn kɛse bere nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yɛtotow nneɛma gugu beae a yɛfa ne beae a yɛde kar sisi no, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ka bom siesie hɔ afe biara, yebetumi ayɛ saa ansa na yɛayɛ Nkaedi no. Nea yebetumi ayɛ aka eyi ho ne mfɛnsere mu a yɛbɛpopa ne ɔdan no ho a yɛbɛhohoro, kapɛt a ɛsɛw hɔ a yebesiesie so, ne nkataanim a yɛbɛhoro.

Nokwarem no, yɛn nyinaa betumi ama adwuma no so atew denam kyingam a yɛrenwe ngugu hɔ anaasɛ yɛrentotow ngugu asa no mu ne ɛho so. Sɛ yɛkɔ tiafi wie a, ɛsɛ sɛ yesiesie hɔ yie ma obi a ɔbɛkɔ hɔ no. Hwɛ yiye na woammobɔ nneɛma a wɔde asiesie hɔ no anaasɛ woansɛe emu bi. Monhyɛ kapɛt a asɛe, nkongua a abubu, nsu ho nsɛm, kanea a ahyew, ne nneɛma foforo nsow, na mommɔ nea ɔhwɛ Ahenni Asa no siesie so amanneɛ ntɛm ara.

Momma yɛn nyinaa mfa yɛn ho nhyɛ dwumadi no mu. Eyi betumi ama yɛanya beae a ɛfata sɛ yɛsom na ɛbɛma yɛada nsow sɛ nnipa a wɔn ho tew a wɔhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.—1 Pet. 1:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena