Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/01 kr. 3
  • Ɔmantam Nhyiam Horow—Anigye Mmere!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmantam Nhyiam Horow—Anigye Mmere!
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyiam—Anigye Bere Ma Yehowa Nkurɔfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Bra 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 11/01 kr. 3

Ɔmantam Nhyiam Horow—Anigye Mmere!

1 Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam horow no yɛ anigye mmere kɛse. Bɛboro mfehaha pii ni no, nhyiam a ɛtete saa no aboa kɛse ma nnipa pii aba ahyehyɛde no mu. Yɛahu Yehowa nhyira pii wɔ wiase nyinaa adwuma a efii ase ɔkwan ketewaa bi so no so. Wɔ yɛn nnɛyi nhyiam a edi kan a yɛyɛe wɔ Chicago, Illinois, wɔ 1893 mu no, nnipa 360 a wɔkɔɔ ase no mu 70 na wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho nsɛnkyerɛnne. Nnipa dodow 9,454,055 na wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam ahorow a yɛyɛe wɔ afe a etwaam no bi wɔ wiase nyinaa na nnipa 129,367 na wɔbɔɔ wɔn asu. Ade a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye kɛse bɛn ara ni!

2 Efi Bible mmere mu tɔnn no, nhyiam ayɛ ɔkwan titiriw a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo. Wɔ Esra ne Nehemia bere so no, na nkurɔfo no tie Mmara no mu asɛm “fi anɔpa kosi owigyinae.” (Neh. 8:2, 3) Esiane sɛ nkurɔfo no tee Mmara no ase yiye saa bere no nti, “wonyaa anigye kɛse.” (Neh. 8:8, 12) Yɛn nso yenya anigye sɛ nhyiam horow no ma yetumi nya nkyerɛkyerɛ pa ne honhom fam aduan wɔ “bere a ɛsɛ mu” fi Yehowa hɔ denam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so. (Mat. 24:45) Esiane sɛ Yesu kae sɛ ‘Yehowa asɛm’ na ɛsɛ sɛ obiara de bɔ ne bra nti, nhyiam ahorow no ho hia na ama yɛadi yiye wɔ honhom fam.—Mat. 4:4.

3 Mfaso Wɔ So Sɛ Yɛbɛbɔ Mmɔden Akɔ Bi: Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam a yɛbɛyɛ no afe yi no bi. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebedu hɔ ntɛm da biara na yɛatwɛn agye mpae a yɛde bɛpɔn no so sɛ “Amen!” Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nhyehyɛe mu. Ebetumi aba sɛ yebehyia nsɛnnennen bi wɔ kwan a yɛbɛsrɛ wɔ adwumam de akɔ nhyiam no mu. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pɔtee bi a enni sɛ yɛyɛ anibiannaso. Sɛ yehia baabi a yɛbɛda anaa ɛsɛ sɛ yɛyɛ kar ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ yefi ase ntɛm. Mmɔden biara a yɛbɛbɔ no so bɛba mfaso!

4 Yehowa nkurɔfo mma ɛka a wɔbɔ wɔ nhyiam kɔ ho no nhia wɔn nsen nhyira a wonya no. Hyɛ ebinom a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Yehowa Adansefo Onyankopɔn Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ New York City wɔ 1958 mu nhwɛso no nsow. Onua biako too n’adansi adwuma mu adapɛn abien kɔboaa nhyiam no kɔɔ bi. Onua bi a ofi Virgin Islands tɔn n’asase hɛkta abien na ama watumi ne n’abusua a emufo yɛ baasia no akɔ nhyiam no. Awarefo nkumaa bi tɔn wɔn hyɛmma na ama wɔatumi ne wɔn mma baasa a wɔadi fi asram abien kosi mfe ason no nyinaa akɔ nhyiam no bi. Wɔka kyerɛɛ anuanom baasa bi a wofi agya ne ɛna biako a wɔwɔ California sɛ sɛ wogya wɔn adwuma hɔ a wɔbɛba no na wɔayi wɔn adi. Nanso ɛno antumi ansiw wɔn saa nhyiam titiriw no a wɔbɛkɔ no kwan.

5 Yehowa Hyira Mmɔden a Yefi Komam Bɔ no So: Yehowa hu mmɔden a ne nkurɔfo bɔ no na ohyira wɔn. (Heb. 6:10) Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔkɔɔ Teokrase Nkɔso Nhyiam a wɔyɛe wɔ 1950 no tiee ɔkasa titiriw a wɔato din “Nneɛma Nhyehyɛe Foforo” no. Onua Frederick Franz bisaa asɛm yi de kanyan obiara anigye: “So ɛbɛyɛ mo anigye sɛ mubehu sɛ nnipa bi wɔ amanaman ntam nhyiam yi ase anadwo yi a wɔka asase nyinaa so ahene no ho?” Bɛboro mfe 50 akyi no, yɛn ani da so gye Dwom 45:16 ho ntease a emu da hɔ yi ho .

6 Abusua ti bi a ɔkɔɔ afe a etwaam ɔmantam nhyiam no bi no kyerɛw asɛm yi de daa n’anisɔ adi sɛ: “Anuanom, ebia morenhu sɛnea nhyiam yi abɔ me nkwa ho ban afa. Yɛn abusua no tu kɔɔ kuropɔn mu sɛ yɛrekɔpɛ adwuma ayɛ, nanso nea yehui ara ne sɛ yɛn honhom fam gyinabea resɛe. . . . Yɛde yɛn Kristofo asɛyɛde ahorow guu baabi. Yegyaee asafo nhyiam ahorow ne asɛnka kɔ mpo. . . . Nhyiam yi ahyɛ yɛn den, na yɛafi ase bio de honhom fam botae horow asisi yɛn anim reyɛ nhyehyɛe adi ho dwuma.”

7 Yehowa ma yɛn nsa ka honhom fam aduan a yehia. Ɔto yɛn pon a nnuan pii wɔ ase wɔ yɛn nhyiam akɛse ase. Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma nsiesiei a ɛte saa no ma yɛka asɛm a Kornelio kae bere a ɔsomafo Petro kɔsraa no no bi: “Afei yɛn nyinaa ahyia Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea Onyankopɔn ahyɛ wo nyinaa.” (Aso. 10:33) Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ ‘yɛbɛkɔ Onyankopɔn anim’ nnansa a yɛde bɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no nyinaa bi na ama yɛn ani agye!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena