Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/02 kr. 4
  • Monyɛ Biako

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monyɛ Biako
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biakoyɛ A Ɛwɔ Kristofo Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Kristofo Biakoyɛ—Ɛyɛ Dɛn na Ɛba?
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • “Yehowa Koro” Ka N’abusua Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yehowa Abusua Wɔ Biakoyɛ A Emu Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 7/02 kr. 4

Monyɛ Biako

1 Mpɛn ahe ara na anwonwakwan a wɔfaa so yɛɛ nipadua no mmaa wo ho nnwiriw wo? (Dw. 139:14) Nipadua no akwaa biara ne afoforo bom yɛ adwuma. Onyankopɔn Asɛm de Kristofo asafo no toto nipadua a ɛde biakoyɛ kɛse yɛ adwuma ho. Asafo no mufo nyinaa ‘aka abom wɔ biakoyɛ mu na wɔama wɔne obiara a ɔde nea ehia ma no yɛ biako’ wɔ Kristo Tiyɛ ase. (Efe. 4:16a) Enti, Yehowa tumi de ne nkurɔfo a wɔyɛ biako no yɛ anwonwade.

2 Afeha a edi kan asafo no mufo de “koma koro” dii wɔn ho wɔn ho honhom fam ne honam fam ahiade ho dwuma. (Aso. 2:44-47) Yehowa gyinaa wɔn akyi ma wɔde biakoyɛ gyinaa ɔsɔretia a emu yɛ den ano. (Aso. 4:24-31) Wɔkaa Ahenni asɛm no baabiara a wɔkɔe, kaa asɛmpa no wɔ saa bere no mu wiase nyinaa. (Kol. 1:23) Wɔ nnɛ bere yi mu no, Kristofo asafo no de biakoyɛ ayɛ nneɛma koro no ara kɛse mpo. Nneɛma bɛn na ɛde biakoyɛ yi ba?

3 Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Aka Yɛn Abom: Yɛn som ama yɛayɛ biako wɔ wiase nyinaa. Ɛyɛɛ dɛn na atumi aba saa? Yenim ɔkwan a Yehowa fa so de honhom fam ‘aduan ma wɔ ɛbere a ɛsɛ mu.’ (Mat. 24:45) Yɛn ani sɔ ‘nnipa mu akyɛde’ a ɔde ama sɛ akyerɛkyerɛfo wɔ asafo no mu no kɛse. Bere a yɛde ahobrɛase gye Yehowa nsiesiei a wɔnam so ma yɛn aduan wɔ honhom fam tom no, yɛn ntease wɔ Onyankopɔn Asɛm mu yɛ kɛse na ɛkanyan yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yebesuasua Yesu sɛ n’asuafo. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm de nsiyɛ bɔ mmɔden sɛ ‘yɛbɛyɛ biako wɔ gyidi mu.’ (Efe. 4:8, 11-13) So woreboa ma yɛanya honhom mu biakoyɛ denam Bible a wokenkan no da biara no so?

4 Kristofo Fekubɔ Ama Yɛayɛ Biako: Ɔdɔ ka yɛn bom ma yenya fekubɔ a emu yɛ den wɔ Kristofo nhyiam horow ase. Wɔ nhyiam horow yi ase no, ‘yesusuw yɛn ho yɛn ho ho.’ (Heb. 10:24, 25) Eyi hwehwɛ sɛ yehu yɛn nuanom ankasa, yehu wɔn sɛnea Yehowa hu wɔn, na yebu wɔn sɛ wɔsom bo. (Hag. 2:7, NW ase hɔ asɛm.) Bere a yetie wɔn gyidi ho nsɛm a wɔka no, ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no yɛ kɛse na ɛhyɛ yɛn biakoyɛ no mu den. So wonim wo sɛ obi a wokɔ asafo nhyiam daa?

5 Mfɛfo Adwumayɛfo Wɔ Asɛnka Mu: Yɛn mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn ka asɛmpa no ma yɛde biakoyɛ yɛ Onyankopɔn apɛde. Ɔsomafo Paulo ani sɔɔ ne “yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam.” (Kol. 4:11) Osuahu ahorow a yɛka kyerɛ yɛn ho ne mmoa a yɛde ma yɛn ho yɛn ho wɔ asɛnka mu no boa ma yedi yɛn Kristofo ahyɛde no so na ɛhyɛ yɛn biakoyɛ no mu den.—Kol. 3:14.

6 Honhom Kronkron no Nkɛntɛnso a Ɛde Biakoyɛ Ba: Bere a yɛyere yɛn ho yɛ Yehowa apɛde no, ɔde ne honhom no ma yɛn. Eyi boa yɛn ma yesiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm na yɛde biakoyɛ tra ase. (Dw. 133:1) Ɛkanyan yɛn ma ‘yɛde asomdwoe kura honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:3) Yɛn mu biara betumi aboa ma biakoyɛ atra Onyankopɔn nkurɔfo mu denam honhom aba no a yɛbɛda no adi wɔ sɛnea yɛne yɛn ho yɛn ho di mu no so.—Gal. 5:22, 23.

7 Biakoyɛ a yɛbom de som wɔ Kristo tiyɛ ase no ma “nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.” (Efe. 4:16b) Afei nso, ɛhyɛ Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no anuonyam.—Rom. 16:20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena