Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Aug. 15
“Wususuw sɛ dɛn ne nokwaredi a ɛsen biara? [Ma ommua.] Asɛm yi si nokware a yebedi ama nokware Nyankopɔn no so dua. [Twe adwene si kratafa 5 so, na kenkan 2 Samuel 22:26.] So wunim sɛ nokwaredi ma Onyankopɔn betumi aboa na nnipa ammɔ afoforo atirimɔden? Minim sɛ w’ani begye n’akenkan ho.”
Nyan! Sept. 8
“So efĩ a atwa adesamma ho ahyia a wontumi nyɛ ho hwee no ho asɛm ahaw wo pɛn? [Ma ommua.] Ade titiriw a ɛde ɔhaw no aba ne adesɛe. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnsɛe nneɛma. [Kenkan Yohane 6:12.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm sodi betumi aboa mmusua ma wɔakwati adwene a ɛma wɔtotow nneɛma gugu basabasa no.”
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“So woahu sɛ wɔ mmeae pii no afipamfo nnim wɔn ho wɔn ho sɛnea na anka ɛte no? [Ma ommua.] Yesu kyerɛɛ nnyinasosɛm bi a ehia titiriw na ama obi ayɛ ofipamfo pa. [Kenkan Mateo 7:12.] Nsɛm yi kyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ afipamfo pa na yɛahyɛ afoforo nkuran ma wɔayɛ saa.”
Nyan! Sept. 8
“Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nnim sɛnea asetra bɛyɛ. [Kenkan Ɔsɛnkafo 9:11.] Ɛhe na yebetumi anya akwankyerɛ pa? [Ma ommua.] Ebinom dan kɔ nea adebisa mu akontaahyɛde kyerɛ so. So eyi na ebetumi ama woahu wo daakye? Ɛhe na wubetumi anya daakye ho nokwasɛm? Nyan! yi bua.”