Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Aug. 1
“Wugye di sɛ sɛ yetie Yesu ahyɛde yi a, ɛbɛma yɛn abusua anya anigye kɛse? [Kenkan Yohane 13:34. Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea Yesu nkyerɛkyerɛ ne nhwɛso a ɔyɛe fa abusua no muni biara ho.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 16 ne 17 no kyerɛ no.
Awake! Aug.
“Wususuw sɛ nnipa nniso betumi ayɛ wim a ayɛ hyew no ho biribi ma agyae? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yeremia 10:23.] W’ani begye nsɛmma nhoma yi ho. Ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn bedi ɔhaw ahorow a ɛwɔ yɛn asase yi so no ho dwuma.”
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Nnipa pii nim Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:9 no. [Kenkan.] Nanso ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn sɛ Agya. Wususuw sɛ yɛbɛyɛ dɛn abɛn Onyankopɔn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ su ahorow a yɛn soro Agya no wɔ ne sɛnea yebetumi ahu no yiye no mu.”
Awake! Sept
“Efi teteete na nkurɔfo akyerɛ wɔn adwene wɔ owu akyi asetra ho. Wo nso wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Wode, hyɛ adwene a na Hiob kura a ɔkaa ho asɛm wɔ ha no nsow. [Kenkan Hiob 14:14, 15.] Awake! yi kyerɛkyerɛ nea Bible ka wɔ owu akyi asetra ho mu.”