Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Aug. 15
“Nnipa dodow no ara na din pa som bo ma wɔn. Ebinom mpo susuw sɛnea wɔbɛkae wɔn bere a wɔawu no ho. So woasusuw ɛno ho pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Ɔsɛnkafo 7:1.] Ɔwɛn-Aban yi susuw sɛnea yebetumi anya din pa wɔ nnipa ne Onyankopɔn anim no ho.”
Nyan! Sept. 8
“Sɛ wo anaa w’abusua muni bi ahyia nsisi pɛn a, wunim sɛnea ebetumi ahaw adwene afa. [Twɛn ma ommua.] Nyan! yi de nyansahyɛ a mfaso wɔ so ma wɔn a wɔresisi wɔn. Ɛka Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa bere a ɔhaw a ɛtete saa befi hɔ wɔ asetram no ho asɛm nso.” Kenkan Mika 4:4.
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Nnipa pii te nka sɛ adesamma som ahorow pii no yɛ akwan horow a wɔfa so du botae koro ho ara kwa. Afoforo susuw sɛ nokware som koro pɛ na ɛwɔ hɔ. So woasusuw eyi ho? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi hwehwɛ tete bɛ bi a ɛkyerɛkyerɛ asɛm yi mu no mu.” Si Mateo 13:24-30 so dua.
Nyan! Sept. 8
“Nneɛma a aba so tumi nya nnipa pii asetra so nkɛntɛnso a emu yɛ den nnɛ. Ebinom te nka sɛ wɔtwe adwene si nea nnipa hyɛ ne wɔn nipaban so dodo. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Nyan! yi de nneɛma a aba so ho adwene a ɛkari pɛ ma.” Kenkan Kolosefo 3:12.