Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban July 15
“Nnipa pii ahu su a nnipa dodow no renya sɛ wɔbɛtew wɔn ho afi afoforo ho no. So wususuw sɛ eyi yɛ ade a nyansa wom? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nyansasɛm a wɔka fa mfaso a ɛwɔ ayɔnkofa so ho no nsow. [Kenkan Ɔsɛnkafo 4:9, 10.] Nsɛmma nhoma yi ka nea enti a yɛn nyinaa hia afoforo ne sɛnea wobetumi adi tew a nkurɔfo tew wɔn ho ho haw no ho dwuma no ho asɛm.”
Nyan! Aug. 8
“Nnipa pii haw wɔ bu a nguamansɛm abu so no ho. So wususuw sɛ eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛhaw yɛn? [Twɛn ma ommua.] Afotu a mfaso wɔ so a ɛwɔ Bible mu no betumi abɔ yɛn ho ban. [Kenkan Efesofo 5:3, 4.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea yebetumi abɔ yɛn ho ban afi asiane a ɛyɛ hu yi ho.”
Ɔwɛn-Aban Aug. 1
“So wunim sɛ sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, sika a wiase nnipa mu bɛboro fã de hwɛ wɔn ho da biara no nnu dɔla 2? So wususuw sɛ yebetumi ayɛ biribi de adi eyi ho dwuma? [Twɛn ma ommua.] Saa Ɔwɛn-Aban yi twe adwene si ohia ano aduru koraa a wɔada no adi wɔ Bible mu no so.”—Kenkan Dwom 72:12, 13, 16.
Nyan! Aug. 8
“Nnansa yi, asiane a wim tebea de ba asɛe ade kɛse wɔ wiase nyinaa. Wususuw sɛ dɛn na wobetumi ayɛ de abrɛ amanehunu a eyi de ba no ase? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ ɔhaw a wim tebea mu nsakrae de ba ne ano aduru a wɔada no adi wɔ Bible mu no mu.”—Kenkan Yesaia 35:1.