Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Mar. 1
“Da bi wobisaa Yesu Kristo sɛ: ‘Mmara asɛm a edi ne nyinaa kan ne nea ɛwɔ he?’ Hyɛ ne mmuae no nsow. [Kenkan Marko 12:29, 30.] So woasusuw nea na na Yesu kyerɛ no ho pɛn? [Ma ommua.] Asɛm ‘Sɛnea Yɛda no Adi sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn’ no pɛɛpɛɛ nea saa nsɛm a agye din no kyerɛ no mu.”
Nyan! Mar. 8
“Bere bi na nnipa pii suro sɛ nuklea akodi bɛba. So wususuw sɛ nuklea akodi betumi asi nnɛ? [Ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi hwehwɛ nsɛm a ɛresisi nnɛ a ɛfa yɛn nyinaa ho no mu. Ɛsan kyerɛkyerɛ Bible bɔhyɛ a ese wiase bi a ehu nnim bɛba no mu.” Kenkan Sefania 3:13.
Ɔwɛn-Aban Mar. 15
“Yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wo ma woba Awurade Anwummeduan a yɛbɛyɛ no Kwasida, April 4, no ase. [Fa nsɛmma nhoma no akyi anaa Nkaedi nsaano kratasin no kyerɛkyerɛ mu. Afei kenkan Luka 22:19.] Ɔwɛn-Aban yi mu nsɛm a edi kan no kyerɛkyerɛ nea afahyɛ yi kyerɛ ne sɛnea wodi no mu.”
Nyan! Apr. 8
Bere a woaka awerɛhosɛm bi a asi a nkurɔfo da so kae awie no, bisa sɛ: “So woasusuw nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma nsɛm a ɛte saa sisi no ho pɛn? [Ma ommua. Afei kenkan Yakobo 1:13.] Asɛm yi a wɔkyerɛw maa mmabun titiriw no kyerɛkyerɛ nea enti a yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no mfaa amane a nnipa hu no mmaa awiei no mu.”