Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Apr. 1
“Nkurɔfo ntaa nkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm pii ho te sɛ nsɛm a asete yɛ den a Bible ka fa aboa no agyiraehyɛde ho no. So woate pɛn? [Ma ommua. Afei kenkan Adiyisɛm 13:16-18.] Bible no ankasa kyerɛ nea ɛbɛma yɛate ahintasɛm yi ase. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ yɛn nea eyi kyerɛ mu.”
Nyan! Apr. 8
“Nnipa dodow no ara nim Mose asetra ho nsɛm. Nanso, so wunim sɛ Mose kaa asɛm bi a ɛka yɛn asetra nnɛ? [Ma ommua. Afei kenkan Deuteronomium 18:15.] Nyan! yi ka onii ko a odiyifo a ɔhyɛɛ ne ho nkɔm no yɛ ne nea ɔbɛyɛ ama adesamma anya so mfaso no ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban Apr. 15
“Nnipa binom te nka sɛ biribiara a ebesi wɔ asetra mu, a atoyerɛnkyɛm ka ho no yɛ Onyankopɔn pɛ nti na esi. So woadwen eyi ho pɛn? [Ma ommua.] Nnipa pii nim mpaebɔ yi. [Kenkan Mateo 6:10b.] Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ wɔ asase yi so, na bere bɛn na ɛbɛyɛ hɔ koraa? Nsɛmma nhoma yi de mmuae a Bible de ma no ma.”
Nyan! May 8
“Wɔ nnɛ wiase yi mu no, ebinom te nka sɛ wonni anidaso. Sɛ ɛtɔ da bi a, wote nka saa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Romafo 15:4.] Nnipa dodow no ara nim hia a ɛho hia sɛ wonya anidaso no. W’ani begye ho sɛ wobɛkenkan nneɛma ason a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛma obi nya anidaso a ɛwɔ saa Nyan! yi mu no.”