Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/04 kr. 3
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔ So Nya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Reteɛm’!
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra Wɔ Sankɔhwɛ Mu So
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 7/04 kr. 3

Asɛmmisa Afã

◼ Sɛ obi pɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ ɔfa so?

Esiane sɛ wotwaa kra a wɔkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ne nea wɔakyere agu kasɛt so a wɔbɔ tie wɔ kasa nyinaa mu bɛyɛ mmere kakra a atwam ni nti, ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔn nsa ka nsɛmma nhoma ne kasɛt a wɔbɔ tie no nya bi denam asafo a wɔwom no so. Nsɛmma nhoma a wɔde anifuraefo nkyerɛwee na akyerɛw ne kasɛt a wɔbɔ tie a wɔde mena wɔn a wɔfata a wontua hwee no nko na ɛnka ho. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ asafo ahorow no betumi de Congregation Requests (M-202) kratasin no akra nsɛmma nhoma a wɔakyere agu kasɛt a wɔbɔ tie so no. Ɛsɛ sɛ wɔde kratasin yi ara kra nsɛmma nhoma a wɔde ɔman foforo so kasa anaa nkyerɛwde akɛse akyerɛw no bi.

Sɛ obi wɔ w’asasesin mu na ɔpɛ sɛ ne nsa ka nsɛmma nhoma no bi daa a, yɛsrɛ sɛ hwɛ ma ne nsa nka bi ntɛm sɛnea a ɛbɛyɛ a emu biako mpo nka mu. Wɔn a wɔatu wɔn no betumi anya nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a wɔn ankasa bɛkan wɔ beae a wogye nsɛmma nhoma ne nhoma wɔ Ahenni Asa so no. Ɛnsɛ sɛ wode obi a wɔatu no ka wɔn a wɔde nsɛmma nhoma kɔma wɔn daa no ho.

Nhoma a wɔkra a Ghana baa dwumadibea no bedi ho dwuma ne wɔn a asafo mu dawurubɔfo ntumi mfa nsɛmma nhoma nkɔma wɔn daa no. Sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no hwehwɛ sɛ wɔkra nhoma ma obi a ontumi nnya bi daa no a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw asɛm tiawa de kyerɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no ahwehwɛ mu na wɔapene nhoma a wɔrekra no so.

Eyi kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ adawurubɔfo kyerɛw baa dwumadibea no de kra wɔn ankasa nsɛmma nhoma. Sɛ adawurubɔfo anaa anigyefo kra nhoma wɔ saa kwan yi so a, wɔbɛsan de saa abisade kratasin no abrɛ asafo no.

◼ Ɔkwan bɛn so na odeduani betumi anya n’ankasa nsɛmma nhoma?

Sɛ asafo a ɛyɛ asɛnka adwuma wɔ beae a afiasedan wɔ no betumi de nsɛmma nhoma akɔma nneduafo no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ odeduani bi nsa ka n’ankasa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! denam adawurubɔfo a wɔkɔ hɔ no so. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye a, odeduani no ara betumi akra bi denam krataa a ɔbɛkyerɛw abrɛ baa dwumadibea no so. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ wɔn a wɔatu wɔn a wɔyɛ nneduafo no nso nsa betumi aka wɔn ankasa nsɛmma nhoma denam akwankyerɛ a wɔde ama wɔ nkyekyɛm yi mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena