Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/05 kr. 3-5
  • Nkaedi Bere—Bere a Yebetumi Ayɛ Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaedi Bere—Bere a Yebetumi Ayɛ Pii
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yɛbɛyɛ Bio?—Yɛreto Nsa Afrɛ Akwampaefo Aboafo Bio
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • ‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 2/05 kr. 3-5

Nkaedi Bere—Bere a Yebetumi Ayɛ Pii

1. Nkɛntɛnso bɛn na ‘afahyɛ’ nyae wɔ Israelfo a na wosuro Nyankopɔn no so?

1 Sɛ edu bere pɔtee bi wɔ afe no mu a, na tete Israelfo no di ‘Yehowa afahyɛ ahorow.’ (Lev. 23:2) Bere a na wogye de susuw wɔn Nyankopɔn papayɛ ho no maa wɔn ani gyei kɛse, na ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ nsi wɔ nokware som mu.—2 Be. 30:21–31:2.

2, 3. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn adwuma mu wɔ Nkaedi bere mu, na bere bɛn na yɛbɛhyɛ Nkaedi fã no?

2 Ɛnnɛyi nso, sɛ edu Nkaedi bere a, yɛyɛ pii wɔ teokrase dwumadi ahorow a ɛyɛ anigye no mu. Ɛyɛ bere a yɛde susuw akyɛde a ɛsom bo kɛse a Yehowa de maa yɛn—ne Ba a ɔwoo no koro—no ho yiye. (Yoh. 3:16; 1 Pet. 1:18, 19) Bere a yesusuw ɔdɔ a Onyankopɔn ne ne Ba no daa no adi ho no, ɛkanyan yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ na yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ N’apɛde.—2 Kor. 5:14, 15.

3 Afe yi, yɛbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã Yawda, March 24, bere a owia akɔtɔ. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ pii wɔ asɛnka mu wɔ March, April, ne May mu?

4, 5. (a) Dɛn na aboa ebinom ma wotumi nya nnipa pii ka asɛmpa no kyerɛ wɔn? (b) Dɛn na woahu sɛ etu mpɔn wɔ baabi a wowɔ no?

4 Nnipa Pii a Yebenya Wɔn: Hwehwɛ akwan a wobɛfa so anya nnipa pii adi wɔn adanse bere a wokɔ asɛnka no. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ afie afie asɛnka bere a nnipa pii wɔ fie, te sɛ bere a onwini adwo anaa ade asa? Sɛ ebinom a wɔwɔ wo nhoma adesua kuw mu pɛ sɛ wɔkɔ asɛnka ansa na adesua bere adu so a, nhoma adesua sohwɛfo no betumi ayɛ asɛnka nhyiam tiawa ho nhyehyɛe na moatumi akɔyɛ asasesin bi a ɛbɛn mu adwuma.

5 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so anya nnipa pii ne sɛ yebedi adanse wɔ baguam. Ná onuawa bi a ɔde ne bere nyinaa yɛ honam fam adwuma wɔ Japan no pɛ sɛ ɔyɛ akwampaefo boafo. Asafo mu panyin bi hyɛɛ no nyansa sɛ, ansa na ɔbɛkɔ n’adwuma da biara no, ɔnyɛ mmorɔn so adansedi wɔ baabi a ɛbɛn keteke gyinabea bi. Bere a otumi dii ehu a na ɛhyɛ ne so ne sɛnea ebinom a wɔtaa foro keteke di ne ho fɛw so no, onyaa nnipa a ohyia wɔn kwan so, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ keteke gyinabea hɔ, ne wɔn a wɔn sotɔɔ bemmɛn hɔ no mu 40 a na ɔma wɔn nsɛmma nhoma daa. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɔsram biara na ɔde nsɛmma nhoma 235 na ɛma. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm no a na ɔne nkurɔfo susuw ho bere tiaa mu da biara no nti, otumi fii Bible adesua asia ase.

6. Akwan bɛn so na mmabun betumi ayɛ pii wɔ wɔn som adwuma mu?

6 Adansedi Hokwan a Yenya: Adawurubɔfo pii a wɔkɔ sukuu no nya bere a wɔde kɔ akwamma wɔ afe no mu. Saa bere yi betumi ayɛ bere pa a wɔde bɛyɛ akwampaefo aboafo. Bio nso, Kristofo mmabun betumi ayɛ pii denam adanse a wobedi wɔ sukuu mu so. Sɛ wunim sɛnea w’adesuakuw mufo pɛ sɛ wohu wo gyidi ho nsɛm a, anka ɛbɛyɛ wo nwonwa. Dɛn nti na womfa hokwan a wubenya bere a moresusuw nsɛm ho wɔ sukuu dan mu anaa bere a morekyerɛw biribi ho asɛm no mfa nni adanse? Afoforo atumi de yɛn video ahorow no ayɛ saa. Ebinom ne wɔn mfɛfo sukuufo afi Bible adesua ase, na wɔaboa wɔn ma wɔahyira wɔn nkwa so abɔ asu. Eyinom yɛ akwan pa a yebetumi afa so ‘ayi Yehowa din ayɛ.’—Dw. 148:12, 13.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na onua bi de hokwan a onyae dii afoforo adanse? (b) So woanya osuahu bi a ɛte sɛ eyi?

7 Wɔ adwuma a woyɛ no daa mu no, hwehwɛ akwan a wobɛfa so aka yɛn Nyankopɔn nwonwafo no ne ne bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Onua bi a daa ɔtra keteke bi mu no di nnipa a ohyia wɔn wɔ keteke no mu no adanse bere biara a hokwan bebue no. Sɛ nhwɛso no, da biara sɛ ɔretwɛn keteke bi a, na ɔde simma anum di aberante bi adanse. Eyi maa aberante no ne ne yɔnko penee so sɛ wɔne no bɛyɛ Bible adesua. Na wɔyɛ Bible adesua no wɔ keteke no mu bere a wɔretu kwan no. Bere bi akyi no, aberewa bi a na otie wɔn nkɔmmɔbɔ no kɔɔ onua no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Ɔno nso ne onua no yɛ Bible adesua bere biara a ɔbɛfa saa keteke no. Onua no nam saa kwan yi so ne nnipa horow du asua ade wɔ keteke no mu.

8. Asɛnka adwuma no fã bɛn na wɔn a mpanyinyɛ anaa yare haw wɔn no betumi afa so ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu?

8 Na sɛ mpanyinyɛ anaa yare ayɛ akwanside ama wo nso ɛ? Hokwan da so ara wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ pii de ayi Yehowa ayɛ. Woasɔ telefon so adansedi ahwɛ? Sɛ wunhu ɔkwan a wobɛfa so ayɛ eyi a, ka ho asɛm kyerɛ wo nhoma adesua sohwɛfo. Ebia ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama adawurubɔfo a wɔfa saa kwan yi so di adanse no ne wo ayɛ adwuma. Bere a moyɛ adwuma bom no, mubetumi asuasua mo ho mo ho na moaboa mo ho mo ho atumi adi adanse a etu mpɔn. Wubetumi anya telefon so adansedi ho nyansahyɛ a etu mpɔn wɔ February 2001 Yɛn Ahenni Som no kratafa 5-6.

9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa Bible asuafo ma wɔafata sɛ wɔne asafo no bɛyɛ baguam asɛnka adwuma no bi?

9 Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no ba Nkaedi no a, ebetumi akanyan wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ pii de ayi Yehowa ayɛ. Mubetumi aboa wɔn ma wɔadi ehu a ebia ɛmma wontumi nkɔ asɛnka no so denam asɛnka mu suahu a ɛyɛ anigye a mobɛka akyerɛ wɔn na afei nso moatete wɔn nkakrankakra ma wɔatumi akyerɛkyerɛ Bible mu na wɔayi wɔn ho ano akyerɛ wɔn a wobisa wɔn wɔn gyidi ho asɛm no. (1 Pet. 3:15) Sɛ Bible suani bi ka sɛ ɔpɛ sɛ ofi ase ka asɛmpa no bi a, ka ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no. Ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔne osuani no ahyia de ahwɛ sɛ ɔfata sɛ ɔne asafo no yɛ baguam asɛnka adwuma no bi anaa. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa koma ani gye sɛ afoforofo regyina n’afa wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu!—Mmeb. 27:11.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe pa betumi aboa yɛn ma yɛayɛ akwampaefo boafo? (b) Wutumi yɛɛ ɔkwampaefo boafo wɔ afe a etwaam Nkaedi bere no mu? Ɔkwan bɛn na wonam so yɛe?

10 Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo? Ɛsɛ sɛ wususuw nnɔnhwerew 50 a wɔhwehwɛ fi akwampaefo boafo hɔ no ho anibere so. (Mat. 5:37) Eyi kyerɛ sɛ ebehia sɛ woyɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew bɛyɛ 12 yɛ asɛnka adwuma dapɛn biara. So akwampaefo boafo bere nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛwɔ kratafa 5 no mu bi ye ma wo? Sɛ enye mma wo a, wubetumi ayɛ bere nhyehyɛe a ebetumi ama woayɛ akwampaefo boafo wɔ March, April, anaa May mu? Srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo na yɛ pii wɔ w’asɛnka adwuma mu.—Mmeb. 16:3.

11. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo ne asafo mu asomfo no betumi aboa wɔn a wɔbɛsom sɛ akwampaefo aboafo no?

11 Mpanyimfo ne asafo mu asomfo de mmoa biara a ehia wo bɛma wo na wode Nkaedi bere yi ayi Yehowa ayɛ soronko. Ɛda adi sɛ wɔn mu dodow no ara bɛyɛ akwampaefo boafo adwuma no bi. Mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe ayɛ asɛnka nhyiam wɔ mmere afoforo te sɛ awiabere, anwummere a nkurɔfo apɔn adwuma, ne dapɛn awiei sɛnea ɛho behia, de aka nea moyɛ no dedaw no ho. Nea ɛbɛyɛ na mpanyimfo no ahu bere ne faako a wɔbɛyɛ asɛnka nhyiam a ɛtete saa ne wɔn a wobedi anim no, ebia wɔne wɔn a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo boafo anaa wɔresusuw ho no bɛkasa. Mpanyimfo no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ nhyehyɛe no so sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya adawurubɔfo ne wɔn ayɛ adwuma nna ne bere a moayi asi hɔ sɛ mode bɛkɔ asɛnka no. Saa kwan yi so no, mo atirimpɔw begyina, na mubenya so mfaso pii.—Mmeb. 20:18.

12. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ bere nyinaa?

12 Yɛ Nea Wubetumi Nyinaa: Sɛ wo nsɛm tebea mma wuntumi nyɛ akwampaefo boafo a, kae sɛ Yehowa gyina ‘nea yɛwɔ, ɛnyɛ nea yenni’ so na ɛkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ ho anisɔ. (2 Kor. 8:12) Yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Dawid kyerɛw ma ɛfatae sɛ: “Mehyira [Yehowa, NW] nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi.” (Dw. 34:1) Ɛmmra sɛ yɛde eyi besi yɛn ani so wɔ Nkaedi bere yi mu.

[Kratafa 3 adaka]

Ɔkwan Bɛn So na Wobɛyɛ Pii Wɔ Asɛnka Mu?

◼ Ka asɛm no bere a nkurɔfo wɔ fie

◼ Di adanse wɔ baguam

◼ Di adanse wɔ adwumam anaa sukuu mu

◼ Di adanse wɔ telefon so

◼ Yɛ akwampaefo boafo

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5]

Akwampaefo Aboafo Bere Nhyehyɛe Ho Nhwɛso—Akwan a Wɔfa so Yɛ Nhyehyɛe Nya Nnɔnhwerew 12 Wɔ Asɛnka Mu Dapɛn Biara

Anɔpa—Dwoda Kosi Memeneda

Wubetumi de Kwasida asi da biara ananmu.

Da Bere Nnɔnhwerew

Dwoda Anɔpa 2

Benada Anɔpa 2

Wukuda Anɔpa 2

Yawda Anɔpa 2

Fida Anɔpa 2

Memeneda Anɔpa 2

Nkabom Nnɔnhwerew: 12

Nnanu

Wubetumi apaw dapɛn no mu nna abien biara. (Nna a wonam nhyehyɛe yi so bɛpaw no bɛma woanya nnɔnhwerew 48 ɔsram no mu.)

Da Bere Nnɔnhwerew

Wukuda Da Mũ 6

Memeneda Da Mũ 6

Nkabom Nnɔnhwerew: 12

Anwummere Abien ne Dapɛn Awiei

Wubetumi apaw dapɛn no mu anwummere abien biara.

Da Bere Nnɔnhwerew

Dwoda Anwummere 1 1⁄2

Wukuda Anwummere 1 1⁄2

Memeneda Da Mũ 6

Kwasida Da Mũ Fã 3

Nkabom Nnɔnhwerew: 12

Awiabere Abiɛsa ne Memeneda

Wubetumi de Kwasida asi da biara ananmu.

Da Bere Nnɔnhwerew

Dwoda Awiabere 2

Wukuda Awiabere 2

Fida Awiabere 2

Memeneda Da Mũ 6

Nkabom Nnɔnhwerew: 12

M’ankasa Asɛnka Bere Nhyehyɛe

Si nnɔnhwerew dodow a wode bɛyɛ adwuma bere bi mu no ho gyinae.

Da Bere Nnɔnhwerew

Dwoda

Benada

Wukuda

Yawda

Fida

Memeneda

Kwasida

Nkabom Nnɔnhwerew: 12

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena