Wo Ba Betumi Asi Gyinae a Ɛkyerɛ sɛ Ne Ho Akokwaw?
1. Gyinae bɛn na Adansefo mmabun asi wɔ mogya a wɔde di dwuma ho? Ma nhwɛso.?
1 Gyinae a ɛkyerɛ sɛ ne ho akokwaw wɔ dɛn ho? Mogya a wɔde ma. Sɛnea ɛda adi wɔ asɛmti “Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ” a epuei wɔ June 15, 1991 Ɔwɛn-Aban mu no, Yehowa Adansefo mma asi gyinae a ɛkyerɛ sɛ wɔn ho akokwaw de akyerɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho a ɛho asɛm hia wɔne wɔn awofo nyinaa no so. So wubetumi ahwɛ kwan sɛ wo ba a onnya nnii mfe 18 nso bɛyɛ saa?
2. Mmara mu gyinapɛn bɛn na asɛnnibea bi de dii dwuma wɔ abofra bi a wannye mogya no asɛm mu, na dɛn na Kristofo awofo ne wɔn mma a wonnya nnii mfe 18 no sua fi eyi mu?
2 Dɛn na Mmara no Kyerɛ? Wɔ United States no, asɛnnibea a ɛkorɔn a abua asɛm a ɛfa hokwan a abofra a onnii mfe 18 wɔ sɛ ɔpo mogya a wɔde ma no ne Illinois Asɛnnibea Kunini no. Bere a asɛnnibea no resusuw onuawa bi a wadi mfe 17 asɛm ho no, wɔhyɛe sɛ: “Sɛ adanse a wɔde ama no mu da hɔ na ɛtɔ asom sɛ abofra no ho akokwaw na onim nea ebetumi afi ne gyinaesi mu aba na ɔkasa sɛ obi a wanyin a, ɛnde na mmara a ɛfa hokwan a abofra a onnii mfe 18 wɔ no ma no kwan sɛ ogye aduruyɛ bi tom anaasɛ ɔpo.” Ne saa nti sɛ nnuruyɛfo anaa aban mpanyimfo pɛ sɛ wohu sɛ abofra bi ho akokwaw sɛ osi n’ankasa gyinae a, wobetumi abisabisa no nsɛm atie n’adwene wɔ mogya a onnye no ho. Ebehia sɛ wɔkyerɛ abofra no sɛnea tebea a ɔwom no yɛ aniberesɛm fa ne nea ebetumi afi aduruyɛ a ɔbɛpaw no mu aba mu ma ɔte ase na ama abofra no nso akyerɛkyerɛ ne som mu gyidi a egyina Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho so pintinn no mu ma emu ada hɔ.
3. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ awofo susuw ho anibere so, na dɛn ntia?
3 Dɛn na Wo Ba Bɛka? So wo mma tumi kyerɛkyerɛ Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho yi mu? So wofi wɔn koma nyinaa mu gye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahyɛde sɛ ‘yɛtwe yɛn ho fi mogya ho’? (Aso. 15:29; 21:25) Wobetumi agyina Kyerɛwnsɛm no so akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu? Sɛ ɛba sɛ mo a moyɛ awofo no nni hɔ na nnuruyɛfo ka kyerɛ wɔn sɛ wɔn nkwa da asiane mu mpo a, so wobetumi anya akokoduru ada gyinae pintinn a wɔasi wɔ mogya ho no adi de ayi wɔn ho ano? Esiane sɛ ‘ɛbere ne asiane to yɛn nyinaa’ nti, ɔkwan bɛn so na mubetumi aboa mo mma ma wɔagyina tebea a wɔnhwɛ kwan a ebetumi asɔ wɔn gyidi ahwɛ no ano?—Ɔsɛnk. 9:11; Efe. 6:4.
4, 5. (a) Asɛde bɛn na awofo wɔ, na wɔbɛyɛ dɛn adi ho dwuma? (b) Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ a ɛbɛboa awofo?
4 Awofo, Dɛn na Mubetumi Ayɛ? Ɛyɛ mo asɛde sɛ mokyerɛkyerɛ mo mma ma wohu sɛnea Onyankopɔn bu mogya. (2 Tim. 3:14, 15) Wɔde nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ ama wɔ Reasoning nhoma no mu wɔ kratafa 70 kosi 74. Mo ne mo abusua nsua no yiye. Momfa ɔfã a ɛka sɛ “If Someone Says—” (Sɛ obi ka sɛ—) a ɛwɔ kratafa 74 kosi 76 no nni dwuma na mo ne mo mma nyɛ ho ɔyɛkyerɛ na aboa wɔn ma wɔahu sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ nea wogye di ne nea enti a wogye di no mu. (1 Pet. 3:15) Nneɛma afoforo a ɛbɛboa ma yɛanya nimdeɛ pii afa mogya ho nsɛm ho ne nhomawa, How Can Blood Save Your Life? ne June 15, 2004 Ɔwɛn-Aban, kratafa 14 kosi 24. Bio nso, video a ɛne Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights ne No Blood—Medicine Meets the Challenge, a seesei ebi wɔ DVD so a wɔato din Transfusion Alternatives—Documentary Series, no de ayaresa ne oprehyɛn a wɔmfa mogya nka ho ho nsɛm a ɛtɔ asom ma. W’abusua no ahwɛ video yi bi asusuw ho nnansa yi?
5 Ɛdefa mogya ho no, boa wo mma ma ‘wɔnsɔ nhwɛ nhu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu’ no. Ɛno ansa na wobetumi asi gyinae a ɛkyerɛ sɛ wɔn ho akokwaw, na Yehowa pene so.—Rom. 12:2.