Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/05 kr. 7
  • Sukuu a Ɛboa Yɛn Ma Yɛde Nea Yesua Bɔ Yɛn Bra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sukuu a Ɛboa Yɛn Ma Yɛde Nea Yesua Bɔ Yɛn Bra
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yenya Teokrase Ɔsom Sukuu no So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Yehowa Rekyerɛkyerɛ Yen
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda Adi
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Asafo Mu Ɔkasa Horow a Wubesiesie
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 12/05 kr. 7

Sukuu a Ɛboa Yɛn Ma Yɛde Nea Yesua Bɔ Yɛn Bra

1 Sɛ yesusuw nsɛm a wɔabobɔ so wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe ma 2006 mu no ho a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛkyerɛ so mfaso na yɛde nea yɛresua no di dwuma wɔ yɛn som ne yɛn da biara da asetra mu. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ de nneɛma a yesua no bɔ yɛn bra.—Yoh. 13:17; Filip. 4:9.

2 Mmuaema: Wɔ afe yi nhyehyɛe mu no, wɔde simma biako asan aka bere a atiefo de ma mmuae wɔ Bible mu nsɛntitiriw mu no ho. Eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ onua a wɔde Bible mu nsɛntitiriw dwumadi yi bɛhyɛ ne nsa no bɔ mmɔden wie ne dwumadi no wɔ simma anum ntam na mmom ɛnyɛ simma asia. Ɛsɛ sɛ atiefo nso hwɛ wɔn bere yiye bere a wɔrema mmuae no. Sɛ obi di kan susuw ne mmuae ho yiye a, obetumi de anibu 30 anaa nea ennu saa ama mmuae no. Eyi betumi ama nnipa bɛyɛ du ama mmuae a ɛtɔ asom wɔ simma anum a wɔde ama atiefo no mu.

3 Ɔkasa a Ɛkyerɛkyerɛ: Wɔ Bible mu nsɛntitiriw ne ɔkyerɛkyerɛ kasa no mu no, ɛsɛ sɛ wɔde adwene si sɛnea asɛm no som bo ne sɛnea yebetumi de adi dwuma wɔ yɛn asɛnka mu ne asetram nneɛma afoforo a yɛyɛ no daa no so. Ɔkasafo no renka nsɛm a ɛbɛma n’atiefo no anya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɔreka no ho biribi ara kɛkɛ. Mmom ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea wɔnyɛ, sɛnea wobetumi ayɛ no, ne mfaso a sɛ wɔyɛ saa a wobenya afi mu no. Obetumi mpo aka sɛ: “Eyi ne akwankyerɛ a kyerɛwsɛm yi de rema yɛn,” anaa “Ɔkwan a yebetumi afa so de Bible mu asɛm yi adi dwuma wɔ asɛnka mu ni.” Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wonim tebea a ɛwɔ asafo no mu no bɔ mmɔden kyerɛ sɛnea wobetumi de asɛm no adi dwuma, na ɛsɛ sɛ ɛkɔ tẽẽ.

4 Sɛ yɛma Bible mu nhwɛso de kyerɛ sɛnea yɛde asɛm no bedi dwuma mu a, ebetumi atu mpɔn. Sɛ ɔkasafo no de Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bi ma wie a, obetumi aka sɛ: “Ebia wo nso wubetumi akɔ tebea a ɛte saa ara mu.” Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ sɛnea ɔde Bible mu nhwɛso biara bedi dwuma no ne asɛm a ɔreka no, Bible mũ no nyinaa, ne nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim no hyia.—Mat. 24:45.

5 Nyansa kyerɛ sɛ, yɛde nimdeɛ ne ntease bedi dwuma yiye. “Nyansa ne ade titiriw.” (Mmeb. 4:7) Sɛ yɛnam Teokrase Ɔsom Sukuu no so kɔ so nya nyansa a, ɛnde momma yɛn nso yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena