Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban July 1
“Wɔ nnɛ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu no, nnipa pii bisa sɛ: ‘Dɛn nti na ɔhaw ahyɛ asetra mu ma saa? Sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔmma amanehunu to ntwa?’ So woadwen ho saa pɛn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi de nsɛmmisa yi ho mmuae a emu da hɔ a efi Bible mu no ma.” Kenkan 2 Timoteo 3:16.
Awake! July
“Ɔhaw rekɔ so wɔ aware pii mu nnɛ. Wususuw sɛ awarefo benya mfaso afi saa Bible mu afotu yi a wɔde bedi dwuma no so? [Kenkan Efesofo 4:32. Afei twɛn ma ommua.] Awake! yi ka Bible mu nnyinasosɛm a wɔde adi dwuma bere tenten a ebetumi aboa ma yɛanya aware a anigye wom ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban July 15
“So wususuw sɛ bere bi bɛba a yebenya aban bi a ebedi nnipa haw ahorow ho dwuma? [Twɛn ma ommua.] Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae mfa mmisa nniso a ɛte saa wɔ ne nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:9, 10 no. [Kenkan.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ nea enti a Onyankopɔn Ahenni ye sen nnipa nniso, na ɛka nhyira horow a ɛbɛma nnipa anya no ho asɛm.”
Awake! July
Sɛ wuhyia ɔbabun a, wubetumi aka sɛ: “Nnipa pii a wɔanyin te sɛ wo no resusuw aware ho. Wususuw sɛ ɛhe na wubetumi anya aware ho afotusɛm a edi mu? [Twɛn ma ommua.] Merekenkan nea ɔhyehyɛɛ aware no asɛm bi akyerɛ wo. [Kenkan Mateo 19:6.] Nsɛmma nhoma yi ka Bible mu nsɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya aware pa ho asɛm.”