Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Nyansahufo rebɔ mmɔden sɛ wobetu yare ase na wɔato yɛn nkwa nna mu. Wususuw sɛ bere bi bɛba a yebetumi atra ase daa? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea enti a yɛpɛ sɛ yɛtra ase kyɛ no. [Kenkan Ɔsɛnkafo 3:11.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn de daa nkwa ho akɔnnɔ hyɛɛ yɛn mu no mu.”
Awake! Sept.
“Ɛkame ayɛ sɛ obiara ani gye television hwɛ ho. Nanso, wususuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ nea yɛhwɛ no ho anaa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 13:20.] Nsɛmma nhoma yi ka sɛnea television tumi nya yɛn so nkɛntɛnso no ho asɛm, na ɛkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ nyiyim wɔ ne hwɛ ho.”
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Esiane sɛ Onyankopɔn te soro nti, ebinom ka sɛ yɛrentumi nhu no. Woaka saa pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yohane 17:3.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.”
Awake! Sept.
“Yɛn mu dodow no ara adɔfo awuwu. So wususuw sɛ yebetumi ayɛ biribi de aboa wɔn wɔ wɔn wu akyi? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yenya asɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible mu. Ɛsan ka bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye yi ho asɛm.” Kenkan Yohane 5:28, 29. Afei fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.