Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Oct. 1
“So woayɛ biribi ma akyiri yi woaka sɛ, ‘Mihui a anka manyɛ no saa!’? [Twɛn ma ommua.] Tie nea enti a ɛtɔ mmere bi a yɛn nyinaa yɛ nneɛma bi ma akyiri yi yenu yɛn ho no. [Kenkan Yeremia 10:23.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea afotu a mfaso wɔ so a ɛwɔ Bible mu no boa yɛn ma yɛpaw nea eye mu.”
Awake! Oct.
“Wususuw sɛ wiase ayɛ hu ama mmofra nnɛ sen kan no? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii te nka sɛ yɛte mmere a Bible ka ho asɛm wɔ ha yi mu. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-5.] Nsɛmma nhoma yi de nyansahyɛ a mfaso wɔ so bi ma awofo wɔ sɛnea wobetumi abɔ wɔn mma ho ban afi nnipa a wɔfeefee mmofra ho.”
Ɔwɛn-Aban Oct. 15
“Nnipa pii te nka sɛ obi nnim ɔkyena asɛm, enti ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara nnɛ. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Tie asɛm a Yesu kae yi. [Kenkan Mateo 6:34.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi asiesie yɛn ho ama daakye nanso bere koro no ara yɛrennwennwen ho mmoro so mu.”
Awake! Oct.
“Yɛn mu biara dɔfo bi awu pɛn. Wususuw sɛ wɔwɔ soro rehwɛ nea yɛreyɛ? [Twɛn ma ommua.] Tie asɛm a Yesu kae bere a Lasaro wui no. [Kenkan Yohane 11:11.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ mu ma yehu sɛ ebia yɛn adɔfo a wɔawuwu no te baabi anaasɛ wɔretwɛn owusɔre.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 28 no kyerɛ no.