Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Oct. 15
“Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ nea enti a nneɛma bɔne sisi nnɛ no mu akyerɛ mmofra? [Ma ommua.] Bible no de asɛmmisa a ɛne sɛ, ‘Bɔne Nyinaa Fi Hena?’ no ho mmuae ma. [Kenkan 1 Yohane 5:19.] Ɔwɛn-Aban yi bɛboa wo ma woate onii ko a saa ɔbɔnefo no yɛ ne ɔkwan a yebetumi afa so ako atia no no ase.”
Nyan! Nov. 8
“So wususuw sɛ mpae a nyamesom akannifo anaa obi foforo biara bɔ no betumi de wiase nyinaa asomdwoe aba? [Ma ommua.] Bible hyɛ bere a asomdwoe bɛba wiase nyinaa ho bɔ. [Kenkan Yesaia 9:6, 7.] So wohyɛɛ no nsow sɛ sodifo titiriw bi na ɔde wiase nyinaa asomdwoe bɛba? Nyan! yi ma yehu saa sodifo no ne ɔkwan a ɔbɛfa so de nokware asomdwoe aba.”
Ɔwɛn-Aban Nov. 1
“Yɛn mu pii bɔ mmɔden sɛ yɛne afoforo bɛtra ase asomdwoe mu. Nanso ɛda adi sɛ wubegye atom sɛ ne yɛ nna fam. [Ma ommua.] Bible no kyerɛkyerɛ nea enti a eyi te saa no mu. [Kenkan Yakobo 3:2.] Asɛm yi kyerɛ sɛnea kyɛwpa betumi asiesie yɛne afoforo ntam na yɛatra ase asomdwoe mu no mu.”
Nyan! Nov. 8
“Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ bere bi reba a obiara renka sɛ ‘Meyare.’ [Kenkan Yesaia 33:24, NW.] So ɛno renyɛ anigye? [Ma ommua.] Nanso ɛnnɛ, nyarewa pii a AIDS yare no ka ho rehaw adesamma. Nyan! yi bua asɛmmisa a ɛne sɛ, So wobesiw AIDS ano da bi? no.”