Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Oct. 1
Kenkan asɛmmisa a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no anim no. Afei bisa sɛ: “Wunim sɛnkyerɛnne a eyi retwe adwene asi so no? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 24:3.] Ɔwɛn-Aban yi ka sɛnkyerɛnne no ho nneɛma atitiriw anum bi ho asɛm, na ɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yehu no mu.” Fa adaka a ɛwɔ kratafa 6 no kyerɛ no.
Awake! Oct. 8
“Asabow de ɔhaw ahorow pii ba. Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea mmosa tumi pira yɛn nipadua no. [Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 7 no kyerɛ no.] Nsɛm yi ka sɛnea nnipa betumi agyae asabow ne nea afoforo betumi ayɛ de aboa wɔn ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban Oct. 15
“Nnipa pii bu nhomasua sɛ ade titiriw a ɛma esi obi yiye wɔ abrabɔ mu. Wususuw sɛ nhomasua bi wɔ hɔ a ebetumi ama asi obi yiye ma watumi agyina asetra mu haw ano? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Romafo 12:2.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛnea yebetumi anya nhomasua a eye sen biara so mfaso.”
Awake! Oct. 22
“Nnipa dodow no ara ani gye atesɛm krataa a wɔkenkan da biara no ho. Wususuw sɛ yebetumi de yɛn ho ato nsɛm a atesɛm nkrataa ka no so? [Twɛn ma ommua.] Awake! yi de sɛnea yebetumi anya atesɛm krataa a yɛkenkan no so mfaso ho nyansahyɛ ma. Ɛsan nso kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye.” Kenkan Mmebusɛm 14:15.