Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Oct. 1
“Yɛn nyinaa pɛ sɛ yebehu sɛ nsɛmmɔnedi, basabasayɛ ne akodi aba awiei. Wususuw sɛ bere bi bɛba a eyi bɛba mu? [Kenkan Dwom 37:11. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka abusuabɔ a ɛda bɔhyɛ yi ne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma no ntam ne sɛnea yebetumi anya mu akɔ no ho asɛm.”
Nyan! Oct. 8
“So ɛnyɛ awerɛhosɛm sɛ afe biara mmeawa ɔpepem pii a wɔnwaree fa afuru? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ akwan a wobetumi afa so adi ɔhaw pii a mmaatan a wonnyinyinii hyia no ho dwuma. Afei nso, ɛkyerɛkyerɛ sɛnea awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔakwati ɔhaw yi koraa mu.” Kenkan 2 Timoteo 3:15.
Ɔwɛn-Aban Oct. 15
“Nnipa binom gye di sɛ sika pii a wobenya no bɛma wɔanya asetra a abotɔyam wom. Wususuw sɛ ɛno yɛ nokware? [Twɛn ma ommua.] Wode, hyɛ nea ɔdefo kɛse bi kyerɛwee yi nsow. [Kenkan Ɔsɛnkafo 5:10.] Nsɛmma nhoma yi ka biribi a ɛsom bo koraa sen ahonyade ho asɛm.”
Nyan! Oct. 22
“Nnipa pii ahu hia a ehia sɛ wɔtete mmofra fi bere a wɔyɛ nkokoaa no. Wususuw sɛ eyi ho hia nnɛ? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 22:6.] Nyan! yi kyerɛkyerɛ nneɛma pɔtẽẽ bi a awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔanyin abɛyɛ mpanyin pa mu.”