Yɛretutu Nneɛma a Ase Atim Denneennen no Agu
1 Mfe pii ni na Satan afa atoro nkyerɛkyerɛ ne nnaadaa so afura nnipa pii adwene ani. Wama nnipa pii agye nkyerɛkyerɛ bi te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne hellgya atom. Ɔhyɛ adwene a ɛne sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ no ho nkuran, na ɔmpɛ sɛ nkurɔfo gye di sɛ Bible no yɛ nokware. Nnipa mu nyiyim ne ɔmampɛ nso ayɛ akwanside a ɛmma nkurɔfo nhu nokware no. (2 Kor. 4:4) Yɛbɛyɛ dɛn atumi atutu nneɛma a ɛte sɛɛ a ase atim denneennen yi agu?—2 Kor. 10:4, 5.
2 Sɛnea Ɛka Wɔn Nsusuwii: Ɔsom mu gyidi a wofi bere tenten de akyerɛkyerɛ obi taa ka ne nsusuwii. Ebinom fi wɔn mmofraberem na agye atoro nkyerɛkyerɛ adi. Sɛ yɛbɛboa nnipa a wɔte saa a, ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛkyerɛ sɛ yebu wɔn.—1 Pet. 3:15.
3 Sɛ yɛma wɔn kwan ma wɔkyerɛkyerɛ nea wogye di ne nea enti a wogye di no mu a, yɛnam so bedi wɔn ni. (Yak. 1:19) Ebia na wogye di paa sɛ ɔkra no nwu esiane sɛ wɔn adɔfo bi awu, na wɔpɛ sɛ wɔsan hu wɔn no nti. Anaa ebia wɔpɛ sɛ wodi dapɔnna efisɛ ɛma wonya hokwan ne wɔn mmusua bom gye wɔn ani. Sɛ yetie wɔn a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea wɔte nka na yɛahu sɛnea yebebua wɔn wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.—Mmeb. 16:23.
4 Suasua Yesu: Ɔkwan a Yesu faa so buaa ɔbarima bi a na onim Mmara no nsɛmmisa no yɛ nhwɛso ma yɛn. Yesu amma ɔbarima no mmuae tẽẽ a ne som mu gyidi ahorow nti, ebia anka ɔrennye ntom. Mmom no, Yesu twee n’adwene sii Kyerɛwnsɛm no so, ɔma ɔkyerɛɛ n’adwene, na ɔde mfatoho boaa no ma osusuw nsɛm ho yiye.—Luka 10:25-37.
5 Onyankopɔn Asɛm betumi ama obi apo atoro nkyerɛkyerɛ a okura mu denneennen no. (Heb. 4:12) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase ka asɛm no ma ɛka nkurɔfo koma a, yebetumi aboa wɔn ma wɔapo atoro nkyerɛkyerɛ na wɔagye nokware a ɛbɛma wɔade wɔn ho no atom.—Yoh. 8:32.