Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/14 kr. 3
  • Fa Nsɛmma Nhoma Dedaw Yɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsɛmma Nhoma Dedaw Yɛ Adwuma
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Asafo Nhoma Horow A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 3/14 kr. 3

Fa Nsɛmma Nhoma Dedaw Yɛ Adwuma

Sɛ yɛto nsɛmma nhoma dedaw gu anaa yɛboaboa ano gu hɔ a, mfaso biara mma so, enti momma yɛmmɔ mmɔden mfa mma. Nsɛmma nhoma baako pɛ betumi akanyan obi anigye ama wafi ase abɔ Yehowa din. (Rom. 10:13, 14) Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa yɛn ma yɛde nsɛmma nhoma dedaw ayɛ adwuma.

  • Sɛ yɛreka asɛm no wɔ asasesin a yɛntaa nyɛ mu adwuma, na yɛanto obi wɔ fie bi mu a, yebetumi de nsɛmma nhoma dedaw no bi ahyɛ baabi a nkurɔfo renhu ama ofiewura no.

  • Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a nkurɔfo gyina fa kar anaa keteke a, fa nsɛmma nhoma dedaw a wowɔ no bi kyerɛ wɔn, na bisa wɔn sɛ wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛkenkan anaa. Afei ma wɔnkyerɛ nea ɔpɛ.

  • Sɛ wokɔ ayaresabea, anaa mmeae a ɛtete saa a ɛwɔ mo asasesin no mu a, wubetumi agyaw nsɛmma nhoma dedaw no kakra agu hɔ. Sɛ nea ɔhwɛ hɔ no wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wosrɛ kwan fi no nkyɛn. Sɛ wuhu sɛ nsɛmma nhoma no bi gu hɔ a, mfa bi nkɔka ho.

  • Sɛ woreyɛ ahoboa akɔyɛ sankɔhwɛ a, susuw onipa a worekɔ ne nkyɛn no ho na woahu nea n’ani begye ho. Wubetumi abisa wo ho sɛ: Ɔwɔ abusua? Ɔtaa tutu akwan? N’ani gye afuwyɛ ho? Afei hwɛ nsɛmma nhoma dedaw a wowɔ no nyinaa mu na sɛ wunya asɛm bi a n’ani begye ho a wode akɔma no.

  • Sɛ obi akyerɛ asɛm no ho anigye, na woayɛ biara nso wonto no fie a, da a wobɛkɔ akɔto no no, wubetumi de nsɛmma nhoma dedaw a ne nsa nkaa bi no akyerɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena