“Mento no Fie Bio!”
Obi akyerɛ asɛm no ho anigyeɛ ama woaka saa asɛm yi bi afa ne ho pɛn? Ebia woakɔ onipa no nkyɛn mprɛ pii, nanso wokɔ a wonto no na woagugu aba a woduaeɛ no so nsuo. (1 Kor. 3:6) Ɛtɔ da a, adawurubɔfoɔ a wɔn ho akokwa asɛnka adwuma no mu taa twerɛ krataa kɔma obi a wɔntaa nto no fie. Ebi wɔ hɔ a, wɔtwerɛ nsɛm kakraa bi gu krataa so de hyɛ ne pono ano. Adawurubɔfoɔ bi nso tumi hunu sɛ ebia wɔrento onipa no fie bio, enti wɔgye ne tɛlɛfon nɔma. Wɔtumi bisa no sɛ, “Wobɛtumi de wo fon nɔma ama me anaa?” Sɛ yɛsan kɔ obi nkyɛn kɔdi no adanseɛ anaa yɛtwerɛ krataa kɔma no di no adanseɛ a, yɛbɛtumi afa no sɛ yɛayɛ sankɔhwɛ. Sɛ yɛtwerɛ fa e-mail so anaa yɛtext no, anaa yɛfrɛ no, anaasɛ yɛtwerɛ krataa hyɛ ne pono ano a, ɛno nso yɛ sankɔhwɛ, na ɛsɛ sɛ yɛbu ho akontaa. Sɛ yɛntaa nto no fie mpo a, yɛbɛtumi akɔ so adi no adanseɛ.