Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
Ɔwɛn-Aban January 1
“Ɛkame ayɛ sɛ ɛfi yɛn nananom berɛ so bɛsi nnɛ, kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ahyɛ amanyɔfoɔ ma. Wohwɛ a, adɛn nti na ɛte saa? [Twɛn ma ɔmmua.] Makan asɛm bi wɔ Bible mu, na m’ani gye ho paa. [Kenkan Ɔsɛnkafoɔ 7:20.] Bible kyerɛ nea ɛbɛyɛ a kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ bɛfi hɔ. Ɛho asɛm wɔ nwoma yi mu. Wo deɛ nie. Mesrɛ wo, pɛ berɛ kakra kenkan.”
Nyan! January
“Nnipa pii gye di sɛ nkwa fi adannandie mu, nanso ebinom ne wɔn nyɛ adwene. Wo nso ɛ? Wohwɛ a, ɛyɛɛ dɛn na nkwa baeɛ? [Twɛn ma ɔmmua.] Nhwehwɛmu a nyansahufoɔ ayɛ kyerɛ sɛ nkwa fi nkwa mu. Wei ne asɛm bi a ɛwɔ Bible mu hyia. [Kenkan Dwom 36:9.] Nnipa pii abɛhu sɛ sɛnea nkwa si teɛ no, biribiara nni hɔ a yɛbɛgyina so aka sɛ ɛfi adannandie mu. Wei ho nsɛm pii wɔ nwoma yi mu.”