Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛbua Ofiewura a Ne Bo Afu
Nea Enti a Ɛho Hia: Nnipa a yɛhyia wɔn wɔ asɛnka mu no pii bu adeɛ. Nanso, Yesu kaa sɛ ebinom bɛtan yɛn. (Yoh. 17:14) Wei enti, sɛ ofiewura bi bo fu a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa. Mmom ɛsɛ sɛ yɛdi no ni na yɛma ɔhu sɛ yɛyɛ Yehowa asomfoɔ ampa. (Rom. 12:17-21; 1 Pet. 3:15) Ebia wei bɛka n’akoma ato ne yam. Afei nso ɛbɛyɛ adansedie ama ofiewura no ne obiara a ɔwɔ hɔ na sɛ berɛ foforɔ Yehowa Adansefoɔ kɔ wɔn kyɛn a wɔatie wɔn.—2 Kor. 6:3.
Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu:
Sɛ moreyɛ abusua som a, mobɛtumi abobɔ nsɛm yi so.
Sɛ obi bo fu na mofi ne nkyɛn a, wo ne nea ɔka wo ho no mmɔ ho nkɔmmɔ na sɛ ɔwɔ nyansahyɛ bi a moasusu ho.