Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 June kr. 7
  • Gye Yehowa Mmara a Ɛfa Abrabɔ Ho no Tom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gye Yehowa Mmara a Ɛfa Abrabɔ Ho no Tom
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 June kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Gye Yehowa Mmara a Ɛfa Abrabɔ Ho no Tom

Yehowa Nyankopɔn akyerɛ nnipa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbea ne ɔbarima na ɛsɛ sɛ wɔware, na ɛnsɛ sɛ wɔtetew mu. (Mt 19:4-6, 9) Ɔkasa tia nna mu ɔbrasɛe biara. (1Ko 6:9, 10) Sɛnea ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo siesie wɔn ho, ne ntade a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mpo, wɔama wɔn ɛho akwankyerɛ na ama wɔada nsow.—De 22:5; 1Ti 2:9, 10.

Ɛnnɛ, nnipa pii mfa Yehowa gyinapɛn anaa ne mmara nyɛ hwee. (Ro 1:18-32) Mmom, ntadehyɛ ne ahosiesie a aba so ne sɛnea nnipa dodow no ara bɔ wɔn bra na wodi akyi. Nnipa bebree yɛ bɔne akɛseakɛse de hoahoa wɔn ho, na sɛ obi nyɛ nea wɔyɛ no bi a wɔkasa tia no.—1Pe 4:3, 4.

Yehowa Adansefo deɛ, Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho no, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru gyina akyi. (Ro 12:9) Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛfa anifere kwan so ma nkurɔfo hu abrabɔ a Yehowa pene so. Yɛn ankasa nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn abrabɔ ho tew; ɛnsɛ sɛ efĩ ne nkekae biara ba ho. Yɛmfa no sɛ yɛrepaw ntade a yɛbɛhyɛ ne sɛnea yebesiesie yɛn ho. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Yehowa gyinapɛn anaa ne mmara na ɛkyerɛ me kwan anaasɛ wiase no deɛ? Ntade a mehyɛ ne sɛnea misiesie me ho kyerɛ sɛ meyɛ Kristoni a misuro Nyankopɔn?’ Anaa yɛmfa no sɛ yɛrepɛ sini anaa dwumadi bi ahwɛ. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Yehowa ani begye sini anaa dwumadi yi ho? Ɛbɛma mabɔ me bra sɛnea Yehowa pɛ anaa sɛnea wiase no pɛ? Nneɛma a mede gyigye m’ani no, ɛbɛma ayɛ den ama me sɛ mɛbɔ bra pa? (Dw 101:3) Ebetumi ato m’abusuafo ne afoforo hintidua?’—1Ko 10:31-33.

Sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra no, adɛn nti na ehia paa sɛ yegye tom? Ɛrenkyɛ biara Kristo Yesu bɛsɛe amanaman no, na wayi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ. (Hes 9:4-7) Wɔn a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde nko ara na ɛbɛka. (1Yo 2:15-17) Ɛnde, Yehowa mmara a ɛfa abrabɔ ho no, momma yennye ntom. Ɛno bɛma wɔn a wohu yɛn abrabɔ pa no ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1Pe 2:11, 12.

Ɔbea bi repɛ atade a ɔbɛhyɛ

Me ntadehyɛ ne m’ahosiesie kyerɛ sɛ hena mmara na ɛkyerɛ me sɛnea memmɔ me bra?

MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN BRA BƐYƐ YEHOWA ADAMFO—ƆBAA BAAKO, BARIMA BAAKO NO. MUWIE A, MUNSUSUW NSƐMMISA YI HO:

  • Adɛn nti na nyansa wom sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn anaa ne mmara bɛbɔ yɛn bra?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo de Yehowa mmara a ɛfa abrabɔ ho kyerɛkyerɛ wɔn mma fi wɔn mmofraase pɛɛ?

  • Ɛdɛn na mmofra ne mpanyin nyinaa betumi ayɛ de aboa nkurɔfo ama wɔanya Onyankopɔn papayɛ so mfaso?

ƐDƐN NA WOBƐKA BERE A OBI AKA SƐ . . .

  • “Wubu ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbea ne ɔbea nna sɛn?”

  • “Nea Bible ka fa ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbea ne ɔbea nna ho no ntease nnim!”

  • “Mmarima a ɛne mmarima da ne mmea a ɛne mmea da no, wɔrentumi nsesa; yɛde woo wɔn.”

(yp1-E ti 23; yp2-E ti 28)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena