KRISTOFO ABRABƆ
Biribiara Ansɛe Kwa
Yesu nam anwonwakwan so maa nnipadɔm aduan. Sɛ mmea ne mmofra da nkyɛn a, na mmarima no yɛ 5,000. Owiei no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommoaboa nea aka ase no ano na biribiara ansɛe kwa.” (Yoh 6:12) Esiane sɛ Yesu ani sɔ nneɛma a efi Yehowa hɔ nti, wanhwɛ amma aduan no ansɛe kwa.
Ɛnnɛ nso, Akwankyerɛ Kuw no bɔ mmɔden pa ara suasua Yesu. Wɔhwɛ sɛ wɔde ntoboa a yeyi no bedi dwuma yiye. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a wɔresi wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Warwick, New York no, anuanom no paw plan ahorow a na ɛremma wɔnsɛe sika pii.
DƐN NA YEBETUMI AYƐ NA BIRIBIARA ANSƐE KWA . . .
bere a yɛwɔ Kristofo nhyiam ase?
bere a yɛrekogye nhoma a yɛn ankasa de bedi dwuma? (km 5/09 3 ¶4)
bere a yɛrekogye nhoma a yɛde bɛkɔ asɛnka? (mwb17.02 “Mfa Bible Ho Nhoma Mma Obiara Kɛkɛ” ¶1)
bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma? (mwb17.02 “Mfa Bible Ho Nhoma Mma Obiara Kɛkɛ” ¶2 ne adaka)