Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Ahorow A Yɛde Bedi Dwuma Nyansam No So
1 Da koro nhyiam titiriw dwumadi ma 1991 ɔsom afe no kaa “Yɛn Som Adwuma—Ɛnyɛ Adwuma Bi Kɛkɛ na Mmom Ɛyɛ Kronkron” no ho asɛm. Esii so dua sɛ yɛn adwuma no yɛ kronkron, na ɛnsɛ sɛ yebu no adewa. Esiane sɛ nhoma ahorow a yɛde di dwuma yɛ yɛn som adwuma no fa nti, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma ɛno nso. Yɛn mu biara betumi ada obu kɛse nka a yɛte no adi denam yɛn nhoma ahorow no a yɛde bedi dwuma nyansam no so.
2 Wɔ 1990 ɔsom afe no mu no. Asafo ti no tintimii nsɛmma nhoma ɔpepem 678 ne Bible ne nhoma bɛboro ɔpepem 51 ma yɛde dii dwuma wɔ wiase nyinaa. Eyi kyerɛ nneɛma a wɔahyira so a bere, ahoɔden, ne sika ka ho, a wɔde dii dwuma kɛse. Mmɔden a nnipa a wɔatu wɔn ho ama pii bom bɔ no ma wotintim nhoma a ɛsom bo ma yɛde adi dwuma sɛ ankorankoro, na yɛde amema wɔ asɛnka mu. Akwan a yebetumi afa so akyerɛ yɛn nhoma no ho anisɔ a efi komam, bere a yɛka Ahenni nkrasɛm no kyerɛ nnipa komapafo no bi ne nea ɛwɔ he?
3 Kokoam ne Abusua Adesua: Paulo kae wɔ Romafo 2:21 sɛ: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?” Sɛ yegye bere kenkan yɛn nhoma ahorow a egyina Bible so no, yesua, na yɛde mpaebɔ dwen ho a, yɛn ankasa nam saayɛ so kyerɛ sɛnea nsiesiei a ɛyɛ honhom mu aduan a Yehowa nam n’akoa kuw no so de ma wɔ ne bere mu no som bo ma yɛn. (Luka 12:42) Sɛ ebia yɛyɛ kokoam anaasɛ abusua adesua no, nokware ahorow a wɔda no adi a yehu bere nyinaa no ma yetumi nya obu a emu dɔ ma nea Yehowa de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnhwɛ so no nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔtete mmofra nso yiye ma wɔkyerɛ wɔn nhoma ho anisɔ na wɔhwɛ so, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛw mu anaasɛ wɔbɛsɛe no. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nhoma no to baabi pa na amma anyɛ fi, na yɛde adi dwuma wɔ asɛnka mu.
4 Kwati Adesɛe: Sɛ yɛn nhoma no so bɛba mfaso ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛde ma wɔn a wɔhwehwɛ nokware no, kyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ yɛn nkrasɛm no ne yɛn adwuma no ho anigye ankasa. (Mat. 10:11) Yebetumi asɛe nneɛma sɛ yɛboaboa nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo ano gu fie ne asafo no mu a.
5 Esiane sɛ date wɔ nsɛmma nhoma no so nti, bere kakraa bi na yɛwɔ a yɛde bɛma sɛ nea aba foforo. Enti ehia sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ asɛnka na yɛde nsɛmma nhoma yi akɔma anigyefo. Sɛ yehu sɛ nsɛmma nhoma a yɛn ankasa yegye no ayɛ bebree gu hɔ a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nhyehyɛe mu na yɛde bere pii ayɛ nsɛmma nhoma adwuma. Anaa yɛrentumi nyɛ saa sɛnea ɛsɛ nso a, ɛsɛ sɛ yɛtew nea yɛn ankasa gye no so. Eyi nso fa nsɛmma nhoma a asafo no kra no ho. Sɛ yedi nyansahyɛ ahorow yi so a, yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn dom ho nkoa anokwafo.—1 Kor. 4:2; 1 Pet 4:10, 11: fa toto Luka 16:1, 10 ho.
6 Yehowa de asɛyɛde a emu yɛ duru yiye ne adwuma a “nea ɔwɔ,” a ‘n’akoa’ nokwafo no wɔ so tumi ka ho no “ahyɛ” ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so no “nsa.” (2 Tim. 1:12; Luka 12:42-44, 48b; 1 Tim. 6:20) Bere a yɛkyerɛ anisɔ a emu dɔ ma hokwan ahorow a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn som mu no, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn nhoma ahorow no adi dwuma nyansam de aka asɛmpa no akyerɛ afoforo.