KRISTOFO ABRABƆ
Ma Yehowa Nkyerɛkyerɛ Wo
NEA ENTI A ƐHO HIA: Yehowa a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no de nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn pa ara ma yɛn. Nkyerɛkyerɛ a ɔde ma yɛn no boa ma yɛn asetena tu mpɔn na esiesie yɛn ma nneɛma pa a ɛbɛba daakye no. Nanso ɔde ne nyinaa kyɛ yɛn kwa! (Yes 11:6-9; 30:20, 21; Adi 22:17) Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn, na ɔtete yɛn ma yetumi ka asɛm a egye nkwa no kyerɛ afoforo.—2Ko 3:5.
SƐNEA WOBƐYƐ NO:
Brɛ wo ho ase.—Dw 25:8, 9
Ntetee a seesei Yehowa de rema wo no, gye tom. Ebi te sɛ asuafo dwumadi a wɔde ma wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no
Fa botae ahorow sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu.—Flp 3:13
Fa nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ntetee foforo wɔ Yehowa som mu.—Flp 3:8
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YEHOWA NKYERƐKYERƐ AMA YƐANYA NHYIRA PII NO, NA BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Akwanside bɛn na adawurubɔfo bi dii so ansa na wɔretumi akɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi?
Ntetee bɛn na Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no ma obi tumi nya?
Sɛ wɔn a wɔawie Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no kɔ baabi a wɔrekɔsom no a, dɛn na asafo no mufo yɛ de boa wɔn?
Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi a, dɛn na wɔhwehwɛ fi ne hɔ? (kr 189)
Ntetee foforo bɛn na wubetumi anya wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu?
Sɛ woma Yehowa kyerɛkyerɛ wo a, nhyira bɛn na wubenya?