KRISTOFO ABRABƆ
Nyansahyɛ Ahorow a Ebetumi Ama Asɛnka Nhyiam Ayɛ Kama
Nhyiam ahorow a Yehowa ayɛ ho nhyehyɛe a ɛboa ma yɛda ɔdɔ adi na yɛyɛ nnwuma pa no, asɛnka nhyiam ka ho. (Heb 10:24, 25) Bere tenten a yɛde yɛ asɛnka nhyiam, yɛde kyɛ anuanom, yɛde kyekyɛ asaasesin, na yɛde bɔ mpaebɔ nyinaa, ɛsɛ sɛ ɛyɛ simma nnum kosi nson. (Nanso sɛ yedii kan yɛɛ asafo nhyiam ansa na yɛde asɛnka nhyiam retoa so de a, ɛnsɛ sɛ ne tenten du saa mpo.) Onua a ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam so no, ɛsɛ sɛ osiesie biribi a ɛbɛboa anuanom wɔ asɛnka mu saa da no. Ma yɛmfa asɛnka nhyiam a yɛyɛ no Memeneda no nyɛ nhwɛso. Anuanom a wɔba asɛnka nhyiam Memeneda no mu pii wɔ hɔ a, nnawɔtwe no mu no, wɔankɔ asɛnka. Enti sɛ nea ɔbɛhwɛ so no ma wohu asɛm a wɔkɔ a wɔbɛka a, ɛno ara ye. Nneɛma foforo a ɛbɛboa anuanom bɛn na nea ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam so no betumi ne wɔn asusuw ho?
Nsɛm a yebetumi aka wɔ asɛnka mu a ɛyɛ a ɛba Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma no mu
Sɛnea anuanom betumi de amanneɛbɔ a nsɛnkyerɛwfo de ato gua anaa asɛm bi a ɛda nkurɔfo ano afi nkɔmmɔbɔ ase
Nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asaasesin mu no, mubetumi aka baako ho asɛm, na ama anuanom ahu sɛnea wobedi tebea bi saa ho dwuma
Nea anuanom betumi ayɛ bere a wɔakɔto obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, obi a ose nnipa fi mmoa mu, obi a ɔnte yɛn kasa, anaa obi a ɔkɔ asɔre bi a nnipa dodow no ara nnim wɔ mo mpɔtam hɔ
Sɛnea anuanom betumi ahu jw.org wɛbsaet ne JW Library® app no mu yiye, anaa sɛnea yɛde nkekaho a ɛwɔ Bible mu no fã bi bɛyɛ adwuma
Sɛnea yɛde nneɛma a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu bi bɛyɛ adwuma
Sɛnea yɛyɛ tɛlɛfon so adansedi, krataakyerɛw, baguam adansedi, sankɔhwɛ, Bible adesua, anaa asɛnka adwuma no afã foforo
Nea anuanom betumi ayɛ de abɔ wɔn ho ban bere a wɔnam asɛnka mu, sɛnea wɔbɛdannan wɔn nsɛm mu, sɛnea wɔbɛda obu adi, sɛnea wobenya adwempa bere a biribi ankɔ yiye wɔ asɛnka mu, ne nneɛma a ɛtete saa
Nhomawa a yɛato din Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho no, mubetumi asusuw adesua a ɛwom no bi ho, anaa moahwɛ ɛho video no bi
Sɛnea yebetumi ahyɛ onii a yɛne no nam asɛnka mu no nkuran na yɛaboa no
Kyerɛwsɛm anaa osuahu bi a ɛhyɛ nkuran a ɛfa asɛnka adwuma no ho