Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 December kr. 31
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔfã 1
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 December kr. 31

So Wokae?

Woato wo bo ase akenkan nsɛm a ɛbaa afe yi Ɔwɛn-Aban ahorow no mu no anaa? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛhyɛ Yehowa anuonyam?

Yɛhyɛ Yehowa anuonyam efisɛ yɛwɔ obu kɛse ma no, yɛdɔ no paa, na yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu no.—w25.01, kr. 3.

Sɛ obi fom yɛn a, yɛbɛyɛ dɛn ayi yɛn yam de akyɛ no?

Mfa abufuw no nhyɛ wo mu; yi fi wo mu na yere wo ho fa bɔne kyɛ. Yɛyɛ saa a, ɛremma yawdi no nteetee yɛn.—w25.02, kr. 15-16.

Adɛn nti na anuanom mmerante betumi asuasua osuani Marko?

Marko yii ne yam som afoforo. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm bi a esii haw no paa, nanso wampa aba. Ɔne Paul ne anuanom afoforo a wɔn ho akokwaw faa adamfo denneennen.—w25.04, kr. 27.

Bere a Yesu bɔɔ mpae sɛ “mama wɔahu wo din” no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? (Yohane 17:26)

Ná Yesu asuafo no nim Onyankopɔn din no dedaw. Nanso Yesu boaa n’asuafo no ma wɔhuu Yehowa yiye; ɔma wɔhuu n’atirimpɔw, ne nnwuma, ne ne su ahorow.—w25.05, kr. 20-21.

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, dɛn na yebegye atom?

Yebegye atom sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a yennim. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yennim bere a awiei no bɛba, anaa sɛnea ebia Yehowa bɛboa yɛn saa bere no. Afei nso, yennim nea ebesi ɔkyena, na sɛnea Yehowa nim yɛn no, yɛrentumi nte ase nwie.—w25.06, kr. 15-18.

Sɛ yɛkan asɛm bi anaa yetie baguam ɔkasa bi a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya so mfaso?

Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn na wɔafa so akyerɛkyerɛ nsɛm mu na ama wɔn a asɛm yi kɔ ma wɔn no atumi agye adi? Sɛ merekyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu akyerɛ obi a, mfatoho kamakama bi wom a metumi de adi dwuma anaa? Hena na ebia n’ani begye saa asɛm yi ho?’—w25.07, kr. 19.

Bere a Dawid yɛɛ bɔne no, sɛnea Onyankopɔn ne no dii no, dɛn na ɛma yehu fa ne bɔnefakyɛ ho?

Ɛwom sɛ Dawid yɛɛ bɔne akɛseakɛse bi wɔ n’asetenam, nanso bere a ofii ne komam nuu ne ho no, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no. (1 Ahe. 9:​4, 5) Sɛ Onyankopɔn de obi bɔne kyɛ no a, ɔnsan nkɔfa ho asɛm mma, na ɔrentwe n’aso wɔ ho bio da biara da.—w25.08, kr. 17.

Sɛ ɛyɛ den ma wo Bible suani sɛ ɔbɛte biribi ase a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Sɛ moresua biribi na sɛ wode Bible no akyerɛkyerɛ no mu ara na ɛyɛ den sɛ ɔbɛte ase a, mubetumi atoa adesua no so, na akyiri yi moasan aba so bio.—w25.09, kr. 24.

Bible ka sɛ bɔne ‘yɛ ɔdaadaafo.’ (Heb. 3:13) Dɛn na saa asɛm no kyerɛ?

Bɔne a wɔde awo yɛn no tumi ma yɛyɛ nneɛma bɔne. Ɛno da nkyɛn a, etumi teetee yɛn ma daa yɛte nka sɛ Yehowa nnɔ yɛn.—w25.10, kr. 16.

Nneɛma mmiɛnsa bɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛatumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ Yehowa?

(1) Yebetumi adwinnwen Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho. (2) Yebetumi adwene ɔhaw a yɛrefa mu ho, na yɛaka ho asɛm, ebia na obi afom yɛn na ehia sɛ yɛde ne bɔne kyɛ no. (3) Yebetumi agye bere ne Yehowa akasa. Ɛno paa na ebetumi aboa yɛn ma yɛaka yɛn komam asɛm akyerɛ no.—w25.10, kr. 19-20.

Dɛn na yebetumi ayɛ aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no?

Yebetumi akɔsra wɔn anaa yebetumi afrɛ wɔn wɔ fon so. Sɛ wɔrekɔ ayaresabea nso a, yebetumi akogya wɔn. Afei nso, yebetumi ne wɔn ayɛ asɛnka adwuma no afa ahorow nyinaa bi.—w25.11, kr. 6-7.

Dɛn paa na Kristofo yɛ a ɛbɛma wɔn ayeforohyia ahyɛ Yehowa anuonyam?

Ɛsɛ sɛ wɔdi aban mmara so. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ nea ɛbɛkɔ so wɔ wɔn ayeforohyia ne ayeforohyia apontow ase no bɛda no adi sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛ wɔn kwan. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ ataade a wɔbɛhyɛ no, asɛm biara nni ho. Afei nso, amanne anaa amammerɛ biara a etia Bible mmara no, ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho. Nea ɛka ho bio ne sɛ, sɛ wɔreyɛ wɔn ayeforohyia no ho ntotoe a, wɔbesusuw nsɛm ho wɔ obu so.—w25.12, kr. 21-24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena