MARCH 9-15, 2026
DWOM 45 Me Komam Nsusuwii
Sɛ Awerɛhow Anaa Adwinnwen Hyɛ Wo So a, Nea Wubetumi Ayɛ
“M’asɛm yɛ mmɔbɔ!”—ROM. 7:24.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea yɛbɛyɛ bere a awerɛhow anaa adwinnwen ahyɛ yɛn so.
1-2. Ɛtɔ da a, ná ɔsomafo Paul te nka sɛn, na adɛn nti na nea ɔfaa mu no betumi aboa yɛn? (Romafo 7:21-24)
SƐ YƐBƆ ɔsomafo Paul din a, ɛyɛ a dɛn na ɛba w’adwenem? Ebia wobɛka sɛ na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo kokodurufo, obi a na otumi kyerɛkyerɛ yiye, anaa obi a ɔkyerɛw Bible mu nhoma bebree. Woka saa a wommoa. Nanso na ɔyɛ nipa te sɛ yɛn ara, enti ɛtɔ da a, na otumi di awerɛhow, n’abam tumi bu, anaa adwinnwen tumi hyɛ no so.
2 Kenkan Romafo 7:21-24. Sɛ yɛhwɛ krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Romafo no mu a, sɛnea ɛtɔ da a na ɔte nka no, ɔkaa ho asɛm wom. Ɛnnɛ yɛn mu pii nso tumi te nka saa ara. Ɛwom sɛ na ɔsom Onyankopɔn yiye na na ɔpɛ paa sɛ ɔyɛ n’apɛde, nanso ne sintɔ nti, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ bere nyinaa. Ɛno da nkyɛn a, na bɔne a wayɛ atwam tumi teetee no. Afei nso, na ɔhaw bi abɛtena no so a ɛma odi awerɛhow.
3. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu? (Hwɛ “Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” no nso.)
3 Sintɔ a na ɛwɔ Paul ho ne bɔne a na wayɛ atwam nti, ɛtɔ da a na ne werɛ how anaa n’abam bu,a nanso wamma ɛho adwinnwen anhyɛ no so. Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Adɛn nti na ɛtɔ da a na Paul te nka sɛ ‘n’asɛm yɛ mmɔbɔ’? Nneɛma a na ɛma Paul werɛ how anaa n’abam bu no, dɛn na ɔyɛe na ɛho adwinnwen anhyɛ no so? Yɛn nso, sɛ awerɛhow anaa adwinnwen hyɛ yɛn so a, dɛn na yebetumi ayɛ?
NNEƐMA BƐN NA NA ƐMA PAUL WERƐ HOW ANAA N’ABAM BU?
4. Dɛn na na ɛma Paul werɛ how?
4 Bɔne a na wayɛ atwam. Ansa na Paul rebɛyɛ Kristoni no, ɔyɛɛ nneɛma bɔne bebree, na akyiri yi ɛyɛɛ no yaw sɛ ɔyɛɛ saa. Saa bere no na wɔfrɛ no Saul. Nea ɔyɛe no bi ne sɛ, ɔpenee so ma wɔsiw Stefano abo, na wɔrekum no nyinaa na n’ani tua. (Aso. 7:58; 8:1) Ɛno da nkyɛn a, ɔtan ne ayayade a wɔde yɛɛ Kristofo saa bere no, na odi mu tintimman.—Aso. 8:3; 26:9-11.
5. Bɔne a na Paul ayɛ atwam no, sɛn na ɛma ɔtee nka?
5 Bere a ɔsomafo Paul bɛyɛɛ Kristoni no, ɛtɔ da a na bɔne a wayɛ atwam tumi teetee no paa. Ɔtan bebrebe a ɔde baa Kristofo no so no, ade rekye a ade resa nyinaa, sɛ ɔkae a ɛbɛyɛ sɛ na ɛma ɔyɛ basaa paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a ɔkyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Korintofo no wɔ afe 55 mu no, ɔkaa sɛ: “Memfata sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metan Onyankopɔn asafo no ani.” (1 Kor. 15:9) Mfe nnum akyi, bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Efesofo no nso, ɔkaa sɛ ‘akronkronfo nyinaa mu no, ɔno na ɔnsɛ hwee koraa.’ (Efe. 3:8) Bere a Paul kyerɛw Timoteo no nso, ɔkaa sɛ: “Mekekaa abususɛm, metan nkurɔfo ani, na meyɛɛ aniammɔnho.” (1 Tim. 1:13) Wo de, hwɛ sɛ Paul akɔsra asafo bi na wakohu anuanom a ɔtan wɔn ani yi bi anaa wɔn abusuafo. Wunhu sɛ na ebetumi ayɛ den ama no paa?
6. Biribi foforo bɛn na na ɛreteetee Paul paa? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
6 Ɔhonam mu nsɔe. Biribi foforo wɔ hɔ a na ɛreteetee Paul paa; ɔkaa sɛ ɛyɛ “ɔhonam mu nsɔe” bi. (2 Kor. 12:7) Ɛwom sɛ Paul anka ade pɔtee a na ɛrehaw no no, nanso kasakoa a ɔde dii dwuma no ma yehu sɛ na ɛyɛ biribi a ɛma ɔte yaw paa. Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ yare anaa ɔhaw bi a na agyaw no adwinnwen.b
7. Adɛn nti na ɛtɔ da a na ɛyɛ den ma Paul sɛ ɔbɛyɛ nea ɛtene? (Romafo 7:18, 19)
7 Ne sintɔ. Ná Paul tumi di mfomso. (Kenkan Romafo 7:18, 19.) Ɛwom, na ɔpɛ paa sɛ ɔyɛ nea ɛtene, nanso bɔne a na ɛwɔ ne ho nti, na ɛnna fam mma no. Ogye toom sɛ, adepa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no, ɛtɔ da a ɛnyɛ ɛno na ɔyɛ, mmom bɔne a ɔmpɛ no, ɛno na ɔyɛ. Ne nyinaa akyi no, ɔyeree ne ho paa sɛ ɔbɛyɛ adepa. (1 Kor. 9:27) Enti sɛ subammɔne bi a na wabɔ mmɔden sɛ obegyae san yi ne ti a, ɛbɛyɛ sɛ na etumi hye no paa!
NEA NA ƐMA PAUL WERƐ HOW ANAA N’ABAM BU NO, DƐN NA ƆYƐE WƆ HO?
8. Dɛn na Paul nkrataa no ma yehu fa nea ɔyɛe wɔ ne mmerɛwyɛ ho?
8 Sɛnea na Onyankopɔn honhom betumi aboa Paul ne ne nuanom Kristofo ma wɔadi wɔn sintɔ ne wɔn mmerɛwyɛ so no, na ɛyɛ biribi a ɔtaa dwinnwen ho. Ne nkrataa a ɔkyerɛwee no ma yehu saa. (Rom. 8:13; Gal. 5:16, 17) Ná Paul taa ka subammɔne anaa akɔnnɔ bɔne a ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia ho asɛm. (Gal. 5:19-21, 26) Wei ma yehu sɛ, sɛnea na obetumi adi ne mmerɛwyɛ so no, na odwinnwen ho. Enti osuaa Kyerɛwnsɛm no hwehwɛɛ afotu a ɛbɛboa no ma wahu nsakrae a ehia sɛ ɔyɛ, ne ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa. Yebetumi agye adi sɛ afotu a Paul de maa afoforo no, ɔno ara nso de yɛɛ adwuma.
9-10. Sɛ Paul abam bu a, dɛn na na ɛboa no ma n’ani gye? (Efesofo 1:7) (Hwɛ mfoni no nso.)
9 Ɛwom, ɛtɔ da a na Paul abam tumi bu, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a na ɛma n’ani gye. Ebi ne sɛ, nneɛma pa a na ɛrekɔ so wɔ nsafo ahorow mu no, sɛ ne mfɛfo asɛmpakafo de ho amanneɛbɔ brɛ no a, na ɛhyɛ no nkuran paa. (2 Kor. 7:6, 7) Ayɔnkofa a na ɛda ɔne ne nuanom Kristofo ntam no, ɛno nso maa n’ani gyei. (2 Tim. 1:4) Afei nso, ade foforo a ɛmaa n’ani gyei ne sɛ, na ɔne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den, na na otumi de “ahonim pa” som Yehowa. (2 Tim. 1:3) Bere mpo a na Paul da afiase wɔ Roma no, ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnni ahurusi wɔ Awurade mu.’ (Filip. 4:4) Wohwɛ nsɛm a ɔkae no a, biribiara nkyerɛ sɛ na odwinnwen ne haw ho boro so. Wei ma yehu pefee sɛ, sɛ Paul hu sɛ ɔreyɛ adwinnwen ne haw ho ma abu n’abam a, ntɛm ara na ɔde n’adwene kɔ nneɛma a ɛbɛma n’ani agye so.
10 Sɛ Paul abam bu a, ade foforo a na ɛma n’ani gye ne sɛ, na odwinnwen agyede no ho. Ná onim sɛ esiane sɛ Yehowa dɔ no nti na ɔmaa ne ba no bewu maa no. (Gal. 2:20; kenkan Efesofo 1:7.) Wei nti, na ogye di paa sɛ Yehowa nam Yesu afɔre no so de ne bɔne akyɛ no. (Rom. 7:24, 25) Bɔne a na Paul ayɛ atwam ne ne sintɔ nyinaa akyi no, na n’ani gye efisɛ na otumi de “ɔsom kronn” ma Onyankopɔn.—Heb. 9:12-14.
Ná bɔne a Paul ayɛ atwam tumi teetee no paa, nanso odwinnwen agyede no ho, na ɛboaa no maa n’ani gyei (Hwɛ nkyekyɛm 9-10)
11. Adɛn nti na Paul asɛm no betumi ahyɛ yɛn nkuran?
11 Sɛnea Paul yɛe no, ebia na yɛn nso yɛrebɔ mmɔden sɛ nea yedwen ho, nea yɛyɛ ne nea yɛka no, yɛbɛma asɔ Yehowa ani, nanso yɛde tare a na awae. Enti anhwɛ a yɛn abam bebu na yɛn nso yɛaka sɛ, “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!” Onuawa bi a ne din de Elizac a wadi mfe 20 ne kakra ka sɛnea ɔte nka ho asɛm sɛ: “Sɛ midwen Paul asɛm no ho a, ɛhyɛ me nkuran paa. Ɛma mihu sɛ sɛɛ wamfa no fo saa; sɛnea ehia sɛ meyɛ nsakrae no, na ehia sɛ ɔno nso yɛ nsakrae saa ara. Wei kae me sɛ Yehowa nim nea ne nkurɔfo refa mu.” Ná Paul wɔ ahonim pa, na sɛ n’abam bu mpo a, na n’ani gye. Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no?
SƐ DADWEN HYƐ YƐN SO ANAA YƐN ABAM BU A, DƐN NA YEBETUMI AYƐ?
12. Sɛ yɛkɔ so yɛ nneɛma a ɛma yɛbɛn Yehowa a, ɛboa yɛn sɛn?
12 Kɔ so yɛ nneɛma a ɛbɛma woabɛn Yehowa. Sɛ yɛkɔ so yɛ nneɛma a ɛma yɛbɛn Yehowa a, ɛma yɛn ani gye. Nneɛma a yɛyɛ a ɛma yɛbɛn Yehowa no, yebetumi de atoto nneɛma a yɛyɛ a ɛma yenya apɔwmuden ho. Sɛ yedidi yiye, yɛtenetene yɛn apɔw mu, na yɛda yiye a, ɛma yɛn ho sisi yɛn ho so. Nneɛma a ɛma yɛbɛn Yehowa no nso, sɛ yɛyɛ no daa a, ɛma yɛn ani gye. Ebi ne sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa, yebesua ade yiye ansa na yɛakɔ adesua, yɛkɔ nso a yɛbɛma mmuae. Afei nso yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ yɛkɔ so yɛ weinom nyinaa a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran na ama yɛde yɛn adwene asi nneɛma pa so na ɛnyɛ nneɛma a ebu yɛn abam so.—Rom. 12:11, 12.
13-14. Nneɛma a yɛyɛ a ɛma yɛbɛn Yehowa a anuanom bi kɔ so yɛ no, sɛn na aboa wɔn?
13 Yɛmfa John asɛm no nyɛ nhwɛso; adɔktafo ka kyerɛɛ no sɛ wanya kansa huhuuhu bi. Saa bere no, na wadi mfe 39. Mfiase no de, ɛmaa n’adwene tu frae na dadwen hyɛɛ no so. Obisaa ne ho sɛ, ‘Yare wei de, ɛyɛ dɛn bɔ aberante te sɛ me?’ Saa bere no, na ne babarima adi mfe mmiɛnsa pɛ. Ɛnde dɛn na ɛboaa John? Tie n’anom asɛm: “Ná yare no ma mebrɛ paa, nanso mehwɛ hui sɛ nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, me ne m’abusua bɛyɛ no daa. Enti yɛanto adesua mu da, na yɛkɔ asɛnka nnawɔtwe biara, na na yɛyɛ abusua som nso. Sɛ na ɛyɛ den mpo a, na yemia yɛn ani yɛ.” John twa n’ani hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Sɛ yɛka kyerɛ wo sɛ yare a ɛte saa abɔ wo a, mfiase no, etumi ma w’ani so biri wo. Nanso akyiri yi, wuhu sɛ Yehowa rehyɛ wo den, na ɔreboa wo. Sɛnea Yehowa maa me ahoɔden no, wo nso ɔbɛma wo ahoɔden.”
14 Eliza a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ: “Sɛ mekɔ adesua a, nea mete anaa misua ade a nea mihu no, ɛkae me sɛ Yehowa tie me, na ɔdɔ me paa. Ɛno ma m’ani gye.” Yɛnhwɛ Nolan nso; ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Afrika. Ɔka sɛ nea ɛboa ɔne ne yere Diane ni: “Sɛ yɛn abam bu mpo a, nea yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no de, yɛkɔ so yɛ. Yɛyɛ saa a, ɛma yehu sɛ Yehowa reboa yɛn ama yɛn ani agye. Ɛyɛ a yɛbɔ mmɔden kae sɛ Yehowa bɛboa yɛn na wahyira yɛn; yennim ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ no, nanso yenim sɛ ɔbɛyɛ.”
15. Sɛ awerɛhow hyɛ yɛn so anaa yɛn abam bu a, dɛn na ebia ebehia sɛ yɛyɛ? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
15 Yɛabehu sɛ, sɛ yɛn werɛ how anaa yɛn abam bu a, nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ. Nanso ɛno da nkyɛn a, ebia ebehia sɛ yɛyɛ nneɛma foforo bi ka ho. Wo de, yɛmfa no sɛ w’akyi tutu wo. Sɛ da biara wonantenantew a, ebia ɛbɛboa. Nanso sɛ ɛyaw no begyae koraa a, ebia ebehia sɛ woyɛ biribi foforo ka ho. Sɛ wubetumi ahu nea akɔfa yaw no aba a, ebia ebehia sɛ woyɛ ho nhwehwɛmu na ebi mpo a wukohu dɔkta. Yɛn nso, sɛ awerɛhow anaa adwinnwen taa hyɛ yɛn so a, ebia ebehia sɛ yɛyɛ ho nhwehwɛmu wɔ Bible ne asafo nhoma ahorow mu. Ebi mpo a ebehia sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ onua anaa onuawa bi a ne ho akokwaw a obetumi ama yɛn afotu pa. Momma yɛnhwɛ nneɛma foforo a ebetumi aboa yɛn.
16. Sɛ dadwen hyɛ wo so a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woahu nea akɔfa aba? (Dwom 139:1-4, 23, 24)
16 Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu ade pɔtee a ɛkɔfa awerɛhow anaa dadwen no ba. Ná Ɔhene Dawid nim sɛ Yehowa nim no yiye, enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma onhu nea ama “dadwen” ahyɛ no so. (Kenkan Dwom 139:1-4, 23, 24.) Wo nso, wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nea ɛma awerɛhow anaa dadwen hyɛ wo so, ne nea wubetumi ayɛ wɔ ho. Wubetumi nso abisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na ayɛ me dadwen? Dɛn na akɔprɛw no aba? Nea ɛma dadwen hyɛ me so no, sɛ ebesi me tirim a, ɛyɛ a mitumi yi fi me tirim ntɛm ara?’
17. Dɛn na sɛ wusua ho ade a ɛbɛboa wo ma wode w’adwene asi nneɛma a ɛbɛhyɛ wo nkuran so? (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Nea ɛbɛboa wo ma woadi wo haw no so no, sua ho ade. Yehowa suban ahorow no, ɛwom ara a, fa bi na sua ho ade na ɛbɛboa wo. Yɛhwɛ ɔsomafo Paul sei a, odwinnwen agyede no ne Yehowa bɔnefakyɛ ho, na ɛboaa no paa. Wo nso wubetumi ayɛ saa. Wubetumi asua Onyankopɔn mmɔborɔhunu, ne bɔnefakyɛ, ne ne dɔ a enni huammɔ ho ade akɔ akyiri. Wubetumi de Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu, Watch Tower Publications Index anaa yɛn nhoma foforo biara a ɛwɔ wo kasa mu ayɛ saa. Biribiara a wubenya a ɛbɛboa wo no, kyerɛw asɛmti no to hɔ. Foforo biara a wubenya no, kyerɛw ka ho. Afei, fa bɔ baabi a wubehu, na bere biara a dadwen bɛhyɛ wo so no, na woasua emu bi. Nea wubesua biara, bɔ mmɔden sɛ wode bɛyɛ adwuma.—Filip. 4:8.
Sɛ dadwen hyɛ wo so a, hwehwɛ nsɛm pɔtee bi a ɛbɛboa wo na sua (Hwɛ nkyekyɛm 17)
18. Dɛn saa na Kristofo binom asua ho ade?
18 Eliza a yɛadi kan aka ne ho asɛm no suaa Hiob ho ade kɔɔ akyiri. Ɔkaa sɛ: “Me nso mihyiaa sɔhwɛ toatoaa so te sɛ Hiob. Ɔhaw a ohyiae no, na emu yɛ yaw paa, na na onnim baabi a efi mpo. Nanso ne nyinaa mu no, wantwe ne ho amfi Yehowa ho da.” (Hiob 42:1-6) Diane a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ: “Me ne me kunu resua Bɛn Yehowa nhoma no. Sɛnea ɔnwemfo nwene kuku ma ɛyɛ fɛ no, yɛn nso yɛn ani sɔ sɛ Yehowa renwene yɛn ma yɛanya suban a ɛyɛ fɛ. Enti sɛ yedi mfomso na yɛn abam bu mpo a, yɛmfa yɛn adwene nsi ɛno so, mmom yɛkae sɛ Yehowa reboa yɛn ma yɛayɛ nnipa pa. Wei ma yɛne n’ayɔnkofa mu yɛ den.”—Yes. 64:8.
NYA AWERƐHYEM SƐ MMERE PA BƐBA
19. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan, nanso awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?
19 Sɛ yɛyɛ nneɛma a yɛaka ho asɛm wɔ adesua yi mu nyinaa mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ awerɛhow anaa dadwen a ɛhyɛ yɛn so no betu ayera. Awerɛhow no de, ɛwom ara a ɛbɛba, nanso Yehowa te ase yi, nneɛma a ɛkɔfa dadwen no ba no, ɔbɛboa yɛn ama yɛatumi ayi yɛn adwene afi so na yɛadwen nneɛma pa ho mmom. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebenya ahonim pa de asom Yehowa ama yɛn ani gye.
20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?
20 Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛremma bɔne a yɛayɛ atwam, yɛn haw anaa yɛn sintɔ ho adwinnwen nhyɛ yɛn so. Momma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn na dadwen ammu amfa yɛn so. (Dw. 143:10) Da bi bɛba a, ɔhaw ne dadwen no nyinaa betu ayera. Saa bere no, sɛ yɛsɔre anɔpa a, nneɛma pa nko ara na yɛbɛdwen ho. Yɛde anigye bɛsom yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔdɔ yɛn no!
DWOM 34 Mɛnantew Mũdi Mu
a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Adesua yi mu no, nkurɔfo a ɛtɔ da a awerɛhow anaa dadwen hyɛ wɔn so no, wɔn ho asɛm na yɛreka, na ɛnyɛ wɔn a wɔanya adwenemyare a ɛsɛ sɛ wɔkɔhu dɔkta.
b Sɛ yɛhwɛ nsɛm a Paul kyerɛwee no a, ɛma yehu sɛ na n’ani haw no. Sɛ saa a, na ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛkyerɛw nkrataa akɔma nsafo no, na wayɛ ne som adwuma. (Gal. 4:15; 6:11) Anaa ebi nso a, nsɛm a na akyerɛkyerɛfo atorofo binom keka fa ne ho no, ɛno na na agyaw no adwinnwen. (2 Kor. 10:10; 11:5, 13) Yennim ade pɔtee a na ɛrehaw Paul, nanso yehu sɛ na etumi ma ne werɛ how.
c Wɔasesa edin no bi.