Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwex asɛm 6
  • Wonyaa Asɔfo Bi a Wɔn Bo Afuw Ho Abotare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wonyaa Asɔfo Bi a Wɔn Bo Afuw Ho Abotare
  • Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wonyaa Asomdwoe Wɔ Wiase A Basabasayɛ Wom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Mfaso a Aba Trɔk So Adansedi So Wɔ Wiase Nyinaa
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Ná Onnyinii Dodo sɛ Ɔbɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Latvia Tie Asɛmpa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
ijwex asɛm 6
Ɔsɔfo bi a ne bo afuw abɔ trɔk a Yehowa Adansefo de yɛ baguam adansedi ato fam ma nhoma a ɛwɔ mu abɔ apete; Adansefo no gyina hɔ dinn

Wonyaa Asɔfo Bi a Wɔn Bo Afuw Ho Abotare

Artur yɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Armenia. Bere bi, ɔkɔsraa Yehowa Adansefo asafo bi, na ohui sɛ, baguam adansedi a wɔde nhoma ahorow hyehyɛ trɔk mu yɛ no, na wɔnyɛ bi. Ná Artur pɛ sɛ ɔhyɛ asafo no nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛ baguam adansedi no mu, enti ɔne ne yere Anna ne Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Jirayr de trɔk a nhoma hyehyɛ mu yi bi kɔɔ kurow ketewa bi mu. Wɔde trɔk no sii baabi a nnipa pii twam wɔ hɔ.

Ankyɛ koraa, nkurɔfo a na wɔretwam no beyiyii nhoma no bi. Nanso, ɔkwan foforo yi a wɔfaa so dii adanse no maa asɔretiafo adwene baa wɔn so. Da koro bi, asɔfo mmienu bi baa trɔk no ho. Nea wohui ara ne sɛ, baako de ne nan abɔ trɔk no akɔhwe baabi. Afei ɔbɔɔ Artur ani so ma n’ahwehwɛniwa tɔɔ fam. Artur, Anna, ne Jirayr bɔɔ mmɔden sɛ wobedwudwo asɔfo no koma, nanso ankosi aga. Afei asɔfo no tiatiaa trɔk no so, na wɔbɔɔ nhoma no nyinaa petee. Wodidii Adansefo no atɛm na wɔkekaa bi kyerɛɛ wɔn; wowiei no, wogyaa wɔn hɔ kɔe.

Artur, Anna, ne Jirayr de asɛm no kɔdan apolisifo a wɔwɔ kurom hɔ no. Wɔkaa nea asi kyerɛɛ wɔn, na wɔkaa Bible no ho asɛm kyerɛɛ apolisifo no ne nkurɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no. Wɔmaa Adansefo mmiɛnsa no kwan ma wokohuu polisifo panyin no. Mfiase no, na ɔpanyin no pɛ sɛ Adansefo no kyerɛkyerɛ nea esii no mu kɔ akyiri. Nanso sɛ ɔhwɛ sɛnea Artur so ware, nanso wammɔ ɔsɔfo no bi no a, na ɛyɛ no nwonwa paa. Enti ogyaee nsɛm a na ɔrebisabisa wɔn no. Afei obisaa Yehowa Adansefo gyidi ho nsɛm pii. Wɔn ani baa wɔn ho so no, na wɔne no abɔ nkɔmmɔ nnɔnhwerew nnan! Polisifo panyin no ani gyee nkɔmmɔ a wɔbɔe no ho araa ma ɔkae sɛ: “Wei ne asɔre papa! Mɛyɛ na maba bi!”

Artur ne Anna asan akogyina trɔk no ho

Artur ne Anna

Ade kyee no, Artur san kogyinaa trɔk no ho. Ɔbarima bi a ohuu nea esii no baa Artur nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ohuu nea asɔfo no yɛe nyinaa. N’ani gyee sɛnea Artur gyinaa hɔ dinn a wammua wɔn no ho. Ɔsan kaa sɛ, kan no, na obu asɔfo no paa, nanso nea ohui no ama obu a ɔwɔ ma wɔn no nyinaa asa.

Saa anwummere no, polisifo panyin no san too nsa frɛɛ Artur ma ɔsan baa steehyɛn hɔ. Sɛ́ anka ɔne no bɛka nea esii no ho asɛm no, obisaa nsɛm pii faa Bible no ho. Polisifo mmienu bɛkaa nkɔmmɔ no ho.

Ade kyee no, Artur san kɔsraa polisifo panyin no. Saa bere yi de, okoyii Bible ho video ahorow kyerɛɛ no. Polisifo panyin no frɛɛ polisifo a wɔwɔ hɔ no ma wɔbɛhwɛɛ bi.

Asɔfo mmienu bi subammɔne nti, polisifo pii tee asɛmpa no bere a edi kan koraa. Wei ama wɔn mu dodow no anya Yehowa Adansefo ho adwempa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena