Wiase a Nnubɔne Nnim—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara
So wubetumi ayɛ wiase bi a wɔnnom nnubɔne wom ho mfonini wɔ w’adwenem?
AMANAMAN NKABOM Kyerɛwfo Panyin Kofi Annan de too aman nyinaa anim sɛ wɔmmoa mma wonnya wiase a ɛte saa. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛfa akwan foforo so ko tia saa adebɔne yi anibere so; saa ɔhaw a afa yɛn mmofra pii nnomum no.”
Ɛwom sɛ wiase akannifo bɛka sɛ wɔntew nnuru a mmara mma ho kwan a wɔyɛ ne ne kyekyɛ so wɔ wiase nyinaa de, nanso eyi ho dwuma a wobedi no yɛ adwumaden a ɛboro wɔn ahoɔden so. Hennadiy Udovenko a ofi Ukraine, na ɔsom sɛ UN Bagua Kɛse no fã titiriw bi titrani no kae sɛ “nnubɔne aguadi ne esum ase aguadi ahorow no mu nea mfaso wɔ so sen biara, na sɛ yebu akontaa hwɛ sɛnea afe biara wonya boro dɔla ɔpepepem 400 no a, . . . ebetumi asɛe anaa ama wiase nyinaa sikasɛm ne aguadi nhyehyɛe ayɛ basaa.” Ɔde kaa ho sɛ nnubɔne ho haw no “abɛyɛ ɔhaw a ɛka wiase nyinaa na ɔman biara nni hɔ a ebetumi ade ne ho afi saa asiane yi ho.”
Ɛyɛ den sɛ yɛbɛhwɛ wiase bi a nnubɔne a ɛyɛ hu nnim kwan. Ada adi pefee sɛ nnipa nniso ahorow no ntumi nyi mfi hɔ. Nanso, obiara ntumi nsiw Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no kwan wɔ n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma asase so paradise a wobedi nkate fam, honam fam, ne honhom fam ahiade nyinaa ho dwuma wom aba no ho. (Dwom 145:16; Luka 23:43; 2 Petro 3:13) Sɛnea odiyifo Yesaia kyerɛ no, Onyankopɔn asɛm ‘rensan nkɔ ne nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea ɔpɛ na ewie nea enti a ɔsomae no.’—Yesaia 55:11.
Mprempren mpo, anidaso a yebenya wɔ bɔhyɛ ahorow a ɛte saa mu no betumi de mfaso horow a ɛyɛ nwonwa aba. Sɛ nhwɛso no, na Edmundo nom nnubɔne. Nanso bere a ogyee Bible bɔhyɛ a ɛfa trenee wiase foforo ho toom no, ɛkaa no ma osusuw n’asetra ho bio. Seesei Edmundo ka sɛ: “Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ mesɛee me bere.” Esiane sɛ ɔpɛ sɛ okura Onyankopɔn anim dom a wanya no mu nti, seesei ɔnnom nnubɔne bio. Yiw, Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow ho nimdeɛ betumi akanyan yɛn seesei ma ‘yɛahyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu’ no.—Efesofo 4:24.
Afoforo pii a kan no na wɔnom nnubɔne nso ne wɔn Bɔfo no abenya abusuabɔ a emu yɛ den. Wɔ saafo yi fam no odwontofo no nsɛm yi kyerɛ biribi titiriw ma wɔn: “Nkae me mmofraase bɔne ne me mfomso, kae me sɛ w’adɔe te, [Yehowa, NW], wo papa nti. [Yehowa, NW] ye, na ɔteɛ, enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo ɔkwan so.” (Dwom 25:7, 8) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ awofo a wɔn mma aso yɛ den behu sɛ wɔn mma no betumi asesa! Sɛ awofo yɛ nsi a, wobetumi aboa wɔn mma nkumaa ma wɔako atia nnubɔnenom, na “wɔaso nokware nkwa” a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no mu.—1 Timoteo 6:19.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]
Onyankopɔn wiase foforo no mu asetra ho anidaso akanyan nnipa pii a na wɔnom nnubɔne ma wɔasesa wɔn asetra