Aberante—Ma Adebɔne Mpare Wo!—Ɔsɛnk. 11:10
1Dɛn na ɛma onipa nya anigye ne akomatɔyam? Ampa, ɛne sɛ yɛbɛsɔ yɛn soro Agya no ani! Sɛ́ abofra no, bere pa biara nni hɔ wɔ w’asetra mu a ɛsɛ sɛ wususuw wo Bɔfo no ho anibere so sen nnɛ, wɔ wo mmerantebere mu. Dɛn ntia? Kan nea Salomo ka wɔ Ɔsɛnkafo 11:10 ne 12:1. Wubehu sɛ ahoɔden a wɔde yɛ nneɛma ano brɛ ase bere a woadu onyin mu “nna bɔne” no mu no.
2 “Nanso,” ebia wubebisa sɛ, “dɛn na Yehowa hwehwɛ afi me nkyɛn?” Mmofra binom te nka sɛ Onyankopɔn yɛ katee, anaasɛ mpo ɔwɔ adwene a ɛmfata wɔ mmerantebere mu anigyede ne nneyɛe ho. Ebia wɔbɛte nka sɛ Onyankopɔn a wɔsom no no mma wontumi nnye wɔn ani. Nanso so ɛte saa ampa? Dabi, titiriw sɛ yesusuw nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:9, Mmebusɛm 27:11 ne Dwom 103:5 no ho a. Nanso, ehia sɛ wokae sɛ yɛn nyinaa bebu yɛn nneyɛe ho akontaa akyerɛ Yehowa. Ɛwom sɛ ɔma kwan ma wopaw nea wopɛ, Yehowa remmɔ wo ho ban mfi ɔhaw ne amanehunu a efi ɔkwammɔne a wofa so mu ba no ho. Sɛ wode ogya di agoru a, ɛhye wo. (Fa toto Mmebusɛm 6:27, 28 ho.) Nanso, sɛ wukwati anibiannaso, ahohwi anaasɛ pɛsɛmenkominya kwan a, wobɛde wo ho afi ɔhaw ahorow pii ho.
3 So wunim w’atipɛnfo a wɔde wɔn ho ahyɛ nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe anaasɛ awudi mu? So wɔwɔ anigye? Wususuw sɛ wɔsɔ Yehowa ani? Nea ɛne no bɔ abira no, so ɛnyɛ nea ɛda adi pefee sɛ mmerante a wɔreyɛ Yehowa apɛde no benya ahotɔ ne asetra a anigye wom? Ebia wubebua sɛ, “Yiw, nanso ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛka sen sɛ wobɛyɛ.” Ɛte saa, nanso nnipa pii rebɔ mmɔden ‘akwati adebɔne’ denam nneɛma pa a wɔde sisi wɔn anim wɔ asetra mu so.
4 Sɛ nhwɛso no, pii de wɔn ho hyɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu bere ne bere mu. So woasɔ ahwɛ? Sɛ wonyɛɛ saa a, dɛn nti na wonka ho asɛm nkyerɛ w’awofo ne mpanyimfo no sɛ ebia wubetumi de wo ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu akwamma a ɛreba yi mu? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo. Dɛn ne emu mfaso horow? (1) Wobɛsɔ Yehowa ani. (2) Wode n’Asɛm bedi dwuma, na ɛbɛma woate ase kɛse. (3) Wubesua sɛ wode wo ho bɛto Yehowa so wɔ mpaebɔ mu, na woahwɛ ne mmoa kwan. (4) Wo ho a wode bɛma saa kwan yi so no, w’anigye bɛdɔɔso. (5) Ɛbɛma woanya hokwan ne afoforo a wɔbɔ mmɔden ayɛ adwuma abom, na moanya adamfofa a ɛtra hɔ daa na ɛhyɛ nkuran. (6) Awiei koraa no, ebia nea wobɛyɛ akyiri yi wɔ asetra mu biara besi wo yiye esiane honhom mu nkɔso a woanya no nti.—Mat. 6:33.
5 So wuresusuw nea wobɛyɛ bere a woawie sukuu no ho? Wode botae horow bi asisi w’anim? Ebia wobɛpɛ sɛ wunya nkɔso wɔ ɔhonam fam adwuma bi mu. Anaasɛ ebia na wuredwen aware ne mma a wobɛwo ho mpo. Bere a saa botae horow yi nyɛ bɔne ankasa no, so ɛbɛma woatumi de Onyankopɔn adi kan wɔ w’asetra mu? Woasusuw ho sɛ ebia wobɛyɛ daa ɔkwampaefo na ebia woakɔsom Yehowa wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse wɔ hɔ? Eyinom yɛ botae pa a ɛso wɔ mfaso. Di eyinom ho dwuma, ma adebɔne mpare wo, na nya ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ mu anigye.
6 Yiw, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔyɛ ade a ɔmpɛ. Nanso susuw nea honhom kaa Salomo ma ɔkyerɛwee no ho, sɛ “mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.” Asuade bɛn na ɛwɔ eyi mu? Ɛno ara ne sɛ: Onipa nyɛ aberante daa. Saa ara na yennim bere tenten a anigye ne mfaso horow a ɛwɔ mmerantebere mu ahoɔden mu no bɛtra hɔ akosi. Mmerante mpo tumi yare na wowuwu. Aberante a obu n’ani gu saa nokwasɛm yi so no remfa nea ɔwɔ nni dwuma nyansam, na ɔde ne nipadua mu ahoɔden ne tumi horow bɛbɔ ahohwibra wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ne nkwakorabere mu asetra mu ayɛ den yiye. Ɛda adi sɛ eyi na ɛmaa Salomo kyerɛw nea ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:1, 2 no.
7 Dɛn nti na wunsusuw saa nsɛm yi ho anibere so? Wo ne w’awofo anaasɛ w’adamfo Kristoni bi a ne ho akokwaw mmɔ ho nkɔmmɔ. Ɛyɛ woankasa w’asɛyɛde sɛ ‘wukwati adebɔne’ wɔ w’asetra mu. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ wobɛyɛ saa, sɛ woabɔ wo tirim sɛ wobɛfa ɔkwan a ɛda gyidi a ɛyɛ den ne ɔdɔ a emu yɛ den ma yɛn Bɔfo Kɛse no adi so a.