Ma W’ani Nhwɛ Tẽẽ
1. Sɛ́ yɛbɛma yɛn ani ahwɛ tẽẽ no kyerɛ sɛn, na adɛn nti na eyi ho hia?
1 Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔtwee adwene sii nkɛntɛnso kɛse a sɛnkyerɛnne kwan so aniwa no tumi nya wɔ yɛn abrabɔ nyinaa so no so. Ɔkae sɛ: “Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu.” (Mat. 6:22, 23) Aniwa a ɛhwɛ tẽẽ ne nea wɔde asi botae biako so—Onyankopɔn apɛdeyɛ—a wɔmma asetra mu nneɛma ho dadwen ntwe no nsan. (Mat. 6:19-21, 24-33) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ahwɛ tẽẽ?
2. Asetra mu nneɛma ho adwene bɛn na Onyankopɔn Asɛm hyɛ ho nkuran?
2 Nea Yɛwɔ a Yɛbɛma Adɔɔ Yɛn So: Obi fiefo a ɔbɛhwɛ wɔn sɛnea ɛfata no yɛ asɛde a egyina Kyerɛwnsɛm so. (1 Tim. 5:8) Nanso eyi nkyerɛ sɛ yɛde yɛn bere nyinaa bɛhwehwɛ asetra mu ahode a ɛkyɛn so a aba so no. (Mmeb. 27:20; 30:8, 9) Mmom Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma nneɛma a yehia wɔ asetram, “nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho,” no ara nnɔɔ yɛn so. (1 Tim. 6:8; Heb. 13:5, 6) Sɛ yetie afotu yi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyene yɛn ani ahwɛ tẽẽ.
3. Dɛn na ebetumi aboa ma yɛrensoa yɛn ho nnosoa pii?
3 Nyansa wom sɛ yɛnsoa ɛka a ɛho nhia ne ahode anaa nnwuma a ɛgye bere pii ngu yɛn ho so. (1 Tim. 6:9, 10) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Sɛ woredwen dwumadi bi ho a, tɔ wo bo ase bɔ ho mpae na kari hwɛ sɛ ebegye w’adagyew ne w’ahoɔden a wode yɛ ɔsom adwuma no bi anaa. Si wo bo sɛ wobɛma Onyankopɔn som ho nneɛma adi kan wɔ w’abrabɔ mu.—Filip. 1:10; 4:6, 7.
4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ?
4 Yɛ Wo Ho Awiɛmfoɔ: Ade biako nso a ɛbɛboa ma woasiw ade dodowpɛ ano ne sɛ wobɛyɛ wo ho awiɛmfoɔ. Onua barima bi a ohui sɛ n’abusua betumi akwati ahode pii abɔ wɔn bra no kae sɛ: “Afei de metumi ayɛ bebree wɔ asafo no mu de asom me nuanom. Migye di yiye sɛ Yehowa hyira ne nkoa a wɔde nokware som di kan no nyinaa.” Wubetumi ayɛ wo ho awiɛmfoɔ na wode anya nhyira kɛse?
5. Adɛn nti na ehia sɛ yɛbɔ mmɔden daa na yɛatumi ahwɛ yɛn anim tẽẽ?
5 Ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ daa de ko tia Satan nkɛntɛnso ne ne wiase a edi ahonyade akyi pii no, ne yɛn ankasa yɛn mmerɛwyɛ nso. Momma yɛmfa yɛn ani nsi Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ ne yɛn daa nkwa ho anidaso a ɛsom bo no so tẽẽ, a yɛmmma yɛn ani nkodi biribi foforo biara akyi.—Mmeb. 4:25; 2 Kor. 4:18.