Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 8/1 kr. 4-8
  • Baasakoro No​—So Ɛsɛ sɛ Wugye Di?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Baasakoro No​—So Ɛsɛ sɛ Wugye Di?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Woanyɛ Ho Biribi?
  • Baasakoro No​—Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
  • Wɔbɛn Onyankopɔn​—Anaasɛ Maria?
  • Ɛhe Na Efi Bae?
  • So Ɛsɛ sɛ Wugye Di?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
  • Ɔfã 1​—So Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Baasakoro No Di? Brochure Mu Adesua Mu Nsemmisa
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • So Ɛyɛ Bible Ɔkyerɛkyerɛ Pefee?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 8/1 kr. 4-8

Baasakoro No​—So Ɛsɛ sɛ Wugye Di?

SO WUGYE Baasakoro no di ampa? Nnipa ɔpehaha pii a wɔwɔ Kristoman mu no gye di. Ebia woasusuw ho sɛ egyina Bible no so bere nyinaa. Wunim dekode a ɛyɛ ankasa? Wote ase? Wubetumi akyerɛkyerɛ mu?

Athanasia Gyidikasɛm, a ɛyɛ tete nsɛm a wɔka de kyerɛkyerɛ sɛnea Baasakoro te ankasa no mu biako, kyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so sɛ:

“Nyamesu a Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron no wom no nyinaa yɛ biako: wɔn anuonyam yɛ pɛ, wɔn tumi yɛ pɛ. . .Agya no yɛ Otumfo, Ɔba no yɛ Otumfo, na Honhom Kronkron no nso yɛ Otumfo. . . .Enti Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no nso yɛ Onyankopɔn. Nanso ɛnyɛ Anyame baasa na ɛwɔ hɔ, na mmom Onyankopɔn biako. . . . Wɔ Baasakoro yi mu no, obi nni kan na obi nni akyi? obi nso nsen obi na obi nyɛ ketewa nsen obi. Nanso nnipa baasa yi bom te hɔ daa, na wɔyɛ pɛ.”

Enti sɛnea Baasakoro nkyerɛkyerɛ no kyerɛ no, Agya no, Ɔba no ne Honhom Kronkron no ahoɔden yɛ pɛ, wɔn tumi yɛ pɛ, na wonni awiei. Nanso asemmisa a ɛyɛ den no ne sɛ: So Yesu ne n’asomafo no gye dii na wɔkyerɛkyerɛɛ Baasakoro? Sɛ yegye di sɛ wɔyɛɛ saa a, ɛnde na nsemmisa ahorow bi a ɛyɛ den da yɛn anim.

Wɔ Marko 13:32 no Yesu Kristo kae sɛ: “Na da no ne dɔn no [a ɛyɛ Onyankopɔn atemmu a ɛreba no] de obiara nnim, abɔfo mpo a wɔwɔ soro ne Ɔba no nnim, gye sɛ Agya no nkutoo.” (Hwɛ adaka “Dɛn Nti na Enni Mu?” a ɛwɔ kratafa 7 no mu.) Nanso sɛ Agya no ne Ɔba no yɛ pɛ de a, dɛn nti na ɔba no nnim nneɛma a Agya no nim? Ebinom bebua sɛ, ‘Yesu wɔ awosu abien. Wɔ ha no ɔrekasa sɛ onipa.’ Na ɛte saa mpo a, “Honhom Kronkron” no nso ɛ? Sɛ ɛyɛ Baasakoro no mu onipa a ɔto so abiɛsa a, dɛn nti na onnim? Nkɔnsɔnkɔnsɔn ahoɔden nyinaa te sɛ n’afã a ɛyɛ mmerɛw sen biara no. “Honhom Kronkron” no nso yɛ Baasakoro nkɔnsɔnkɔnsɔn no fã.

Saara na na Yesu adi kan aka bere bi sɛ “Obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no, anaasɛ obi nnim nea Agya no yɛ gye Ɔba no.” (Luka 10:22) Afei bio, “Honhom Kronkron” no nso ɛ? Sɛ ɛyɛ “Nyamesu” no fã ankasa a ɛne Agya no ne Ɔba no yɛ pɛ a, dɛn nti na onnim?

Bɛboro mfe aduonu wɔ Yesu wu ne ne sorokɔ akyi no, Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na hena na ohuu Awurade [Agya no] adwene sɛ obetumi akyerɛkyerɛ no? Na yɛn de yɛwɔ Kristo adwene.” (1 Korintofo 2:16) Sɛ Agya no ne Ɔba no yɛ biako a​—ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya “Kristo adwene” nanso yennim “Awurade adwene.”

Wɔ Mmebusɛm 8:22-24 no yɛkenkan sɛ: “[Yehowa] bɔɔ me de fii n’adwuma ase, ne nnwuma a efi teteete no mu adikan. Ɔde me sii hɔ fii tete beeme, fii mfiase ansa na asase reba. Abun nni hɔ no na wɔawo me.” Kristofo a wodii kan no tee ase pefee sɛ saa nkyerɛkyerɛmu yi fa Kristo ho. Sɛnea Baasakoro ho ɔdenimfo Edmund J. Fortman kyerɛwee no: “Paulo de [Mmebusɛm 8:22-31] dii dwuma wɔ Onyankopɔn Ba no ho. Kristofo akyerɛwfo de dii dwuma de kyerɛɛ Asɛm no asetra wɔ soro ne N’afã wɔ adebɔ mu no mu kyerɛɛ Amanaman mufo ne Yudafo no.” (Fa toto Kolosefo 1:15-17; Adiyisɛm 3:14 ho.) Nanso sɛ Yesu wɔ mfiase pɔtee bi ma “wɔbɔɔ no,” “wɔde no sii hɔ,” “wɔwoo no,” ɛwom sɛ bere tenten bi ansa na wɔwoo no asase so de a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔne Agya no ayɛ pɛ a ɔwɔ hɔ daa? Afei nso abɔde (nea ɔwɔ mfiase) na obetumi aka sɛ: “Agya no nti mete ase.”​—Yohane 6:57.

Yesu kaa Agya no ho asɛm mpɛn pii sɛ “me Nyankopɔn”​—mpo bere a ɔkɔɔ ne soro anuonyam mu no akyi. (Mateo 27:46; Yohane 20:17; Adiyisɛm 3:2, 12) Obi a ɔba fam, obi a ɔsom, nkutoo na obetumi afrɛ ɔfoforo sɛ “me Nyankopɔn.” Nanso dɛn nti na yenhu Agya no sɛ ɔrefrɛ Oba no sɛ “me Nyankopɔn” pɛnkoro mpo? Na dɛn nti na yenhuu da sɛ Agya no anaasɛ Ɔba no refrɛ “Honhom Kronkron” no sɛ “me Nyankopɔn”?

Wunnye ntom sɛ ɛyɛ nsemmisa a ɛkanyan adwene?

Dɛn Nti Na Woanyɛ Ho Biribi?

Sɛ yesusuw sɛ Yesu Kristo gye dii na ɔkyerɛkyerɛe sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ a, ɛnde na biribi foforo ma yɛn ho dwiriw yɛn? Dɛn. nti na yɛnkenkan nea anka ebefi nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ mu aba no ho asɛm wɔ “Apam Foforo” no mu? Dɛn na anka ebefi mu aba?

Nea edi kan no, susuw sɛnea nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ bɛka Yesu asuafo no ho. Mfiase no, ebetumi aba sɛ na wosusuw sɛ Yesu yɛ onipa ara kwa. (Fa toto Marko 6:3 ho.) Afei, wɔ baabi no, yɛmfa no sɛ Yesu daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ́ ɔno ne Onyankopɔn ankasa. Anka wɔbɛyɛ wɔn ade dɛn? Anka wobɛyɛ dɛn, sɛ mpofirim ara wubehu sɛ wugyina Onyankopɔn nkyɛn a?

Ɔreka akwanhwɛ a ɛte sɛɛ ho asɛm no, Andrews Norton, Harvard Divinity School akyerɛkyerɛfo no mu biako wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no teɛɛm sɛ: “Anka yɛrentumi nka sɛnea yɛn ho bedwiriw yɛn no ho asɛm!” Sɛ obi hu ampa sɛ wakɔ Onyankopɔn anim ankasa a, “hwɛ sɛnea anka yɛbɛka no ahoɔden so bere biara a yebenya hokwan sɛ yɛbɛka ne ho asɛm no!”

Nanso, wɔ nokware mu no, bere a wokenkan Nsɛmpa no, so wuhu sɛ Yesu asuafo no ho dwiriw wɔn wɔ biribi a ɛte saa ho? Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Ɛno nti na Yesu daa nokware no adi kyerɛɛ wɔn nkakrankakra no.’ Ɛnde dɛn nti na yenhu ahodwiriw a ɛte saa ho biribi mpo wɔ nhoma ahorow a ɛwɔ “Apam Foforo,” a wɔkyerɛwee wɔ Yesu wu ne ne sɔre akyi no mu? Ɛyɛ nwonwa, ɛnte saa?

Wɔ eyi akyi no anka nsɛm afoforo betumi asɔre, sɛ Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a. Yudafo a na wogye di sɛ ‘Awurade no. . .yɛ Awurade biako,’ no fam no, anka ɛbɛyɛ abususɛm sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ, sɛ Baasakoro no mu onipa a ɔto so abien. (Deuteronomium 6:4) Eyi ma nsemmisa abien sɔre.

(1) Dɛn nti na yenhu sɛ “Apam Foforo” no akyerɛwfo no reka ho asɛm anaasɛ wɔrekyerɛkyerɛ saa nkyerɛkyerɛ a wontumi nnye nni yi mu na wɔreyɛ ho nhwɛso mpɛn pii na aboa Yudafo gyidifo no? Nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ a anka ebehia nkyerɛkyerɛmu asen eyi!

(2) Na dɛn nti na yenhu sɛ Yudafo a wonnye nni a wɔsɔre tiaa Kristosom denneennen no kasa tia saa nkyerɛkyerɛ a anka wobebu no sɛ ɛyɛ abususɛm no? Nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ a anka wobegye ho akyinnye pii asen eyi!a

Enti, Ɔbenfo Norton kae sɛ:

“Enti ɛda adi sɛ, bere a nsɛm a emu nyɛ den pii (sɛ nhwɛso no, Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no twetiatwa) a ɛyɛ nsɛm a ɛde adwene mu nãayɛ ne akyinnyegye a ɛte saa bae, a na tumi a asomafo no wɔ no mpo nnɔɔso ma wɔde nokware no asi hɔ no, saa (Baasakoro) nkyerɛkyerɛ no a na ɛyɛ soronko koraa, ɛyɛ nea wokyi, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase no, yɛ nea wɔde sii hɔ wɔ kommyɛ mu, ma wogyei a wɔantwentwɛn wɔn nan ase, wɔampopo wɔn ti, wɔansɔre antia anaasɛ wɔn adwene mu anyɛ wɔn naa wɔ ho.”

Sɛ yɛbɛka no tiaa a, ɛyɛ nwonwa!

Ɛnde dɛn nti na “Apam Foforo” akyerɛwfo no ankyerɛkyerɛ mu? Dɛn nti na Yudafo asɔretiafo no ankasa antia? Efisɛ Yesu ne n’asomafo no ankyerɛkyerɛ nea dodow no ara gye di wɔ Kristoman mu​—a ɛne Baasakoro no! Ɛnde Baasakoro nkyerɛkyerɛ no fi he na ɛbae?

Baasakoro No​—Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam?

Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Ɛwom sɛ wɔankyerɛkyerɛ wɔ Bible no mu de, nanso akyiri yi na wonyaa Baasakoro yi denam atetesɛm so.’

Nanso ɔkwan bɛn so na eyi ne Paulo asɛm a ɛwɔ Galatifo 1:8 no hyia sɛ: “Na sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue” no?

Bible no bɔɔ wae a wɔbɛwae afi nokware Kristosom ho no ho kɔkɔ, sɛ: “Akyiri nna bi mu no ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho.” (1 Timoteo 4:1) Esiane sɛ sɛnea New Catholic Encyclopedia kyerɛ no, Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu anna hɔ yiye kosii “afeha a ɛto so anan no mfe aduonu anum a etwa to no mu nti,” yebisa sɛ: So ebetumi aba sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no fi wae a wɔwae fii nokware Kristosom ho nti? So Baasakoro no betumi ayɛ ‘ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ’ ampa?

Nokwarem no ade a yegyina so hu ne nkyerɛkyerɛ no aba a asow. Bere a Yudafo no kasa tiaa no sɛ ‘ɔwɔ ahonhommɔne’ no, Yesu buae sɛ: “Minni ahonhommɔne; na midi m’Agya no ni.” (Yohane 8:49) Enti Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nso ɛ? So ɛde wo abɛn Bible no Nyankopɔn no? So ahyɛ Onyankopɔn anuonyam denam ma a ɛbɛma nnipa abɛn no no so? Nokwasɛm ahorow no kyerɛ dɛn?

Katolek sɔfo Robert I. Gannon gye tom sɛ: “Ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu, na obiara nte ase.” Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya biribi agyina so anya gyidi no, nnipa a wosusuw nneɛma ho no hia nkyerɛkyerɛmu a ɛma adwene no nya ntease. So biribi ntõtoe wɔ Onyankopɔn ho adwene a wontumi nkyerɛkyerɛ mu yi mu anaa? So wobetumi adi Onyankopɔn ni denam ne ho nkyerɛkyerɛ a “obiara nte ase” so anaa? Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hu Onyankopɔn a wɔsom no no. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn!​—Yohane 17:3.

Afei bio, sɛ́ anka ɛde nnipa bɛbɛn Agya no, Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ama wɔde obi asi n’ananmu. Wɔ Protestantfo atetesɛm mu no, eyi ama wɔabrɛ Agya no ase akodu baabi a ɛmma wonhu no. Bisa obiara nea wɔka ne ho asɛm bere a wɔka sɛ “Munyi Awurade ayɛ!” no, na obebua sɛ, “Ɛyɛ Yesu Kristo!”

Wɔbɛn Onyankopɔn​—Anaasɛ Maria?

Wɔ Roman Katolek atetesɛm mu no, nea ɛde aba no mu atrɛw akodu sɛ wɔsom Maria sɛ “Onyankopɔn ne Na,” “Adom Nyinaa Ntamgyinafo,” “Nea ɔwɔ afã wɔ onipa nkwagye mu,” ne “Ɔsoro Hemmaa”​—ne nyinaa yɛ nea afi Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu aba! Sɛnea New Catholic Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu no: “Sɛ tebea abien yi nya bɛyɛ nea ɛte saa a, ɛnde na Maria yɛ Onyankopɔn ne na ampa: Sɛ ɔyɛ Yesu ne na ankasa, ne sɛ Yesu ne Onyankopɔn ankasa a.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.

Ɔrekyerɛkyerɛ faako a wɔapia Agya no asi nkyɛn akodu no mu no, Arnold Toynbee faa asɛm fii afeha a ɛto so 17 Franseni Huguenot Pierre Bayle a ɔkaa no fɛwdi kwan so sɛ Onyankopɔn de amansan no ahyɛ Maria nsa no asɛm kae wɔ An Historian’s Approach to Religion mu sɛ:

“Fi saa da no reba no, Onyankopɔn mfa ne ho nhyɛ biribiara mu bio, na mmom ɔde ne ho ato Maria ani a ɛda hɔ no so, wɔ biribiara ho; ma enti wɔde ahyɛde ahorow asoma abɔfo pii sɛ wɔmmɛbɔ sakra a wɔasakra ahenni no ho amanneɛ wɔ Asase so, sɛnea ɛbɛyɛ a Adesamma behu nea ɛsɛ sɛ wɔne no di nkitaho ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ saa bere a wɔbɔ mpae bisa mmoa daakye; ne sɛ . . . ɛnsɛ sɛ wɔne ɔbaabun Maria di nkitaho sɛ obi a ne dibea ne sɛ ɔyɛ ntamgyinafo anaasɛ ɔyɛ ɔhemmaa a ɔba fam, na mmom wɔne no nni nkitaho sɛ otumfoɔ ne ɔhemmaa a obiara nkyɛn no wɔ biribiara mu.”

Nea ɛbɔ eyi abira no, Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ ahofama a edi mu! (Exodus 20:5) Ɔbɔ kɔkɔ sɛ, “Meremfa m’anuonyam mma ɔfoforo.”​—Yesaia 42:8, Douay Version.

Afei, dɛn na nokwasɛm ahorow no kyerɛ? Eyi: Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam denam nnipa a ɛbɛma wɔabɛn no no so. Mmom no, amma woanna Onyankopɔn adi sɛnea ɔte ankasa. Enti ɛda adi sɛ wɔn a wɔde eyi bae no awae afi nokware Kristosom ho.

Ɛhe Na Efi Bae?

Nokware mu no, baasakoro anyame dii Kristosom anim bere tenten a na ɛyɛ nea abu so wɔ tete Misrifo ne Babilonfo anansesɛm mu. Ɛyɛɛ dɛn na adwene yi bɛhyɛn Kristoman mu? The History of Christianity, a Peter Eckler kyerɛwee no kyerɛ mu sɛ:

“Sɛ Kristosom dii Abosonsom so nkonim a, ɛnde na ɛyɛ nokware nso sɛ Abosonsom sɛee Kristosom. Roman Asɔre no sakraa Kristofo a wodii kan no ɔsom kronn no (a na nea ɛyɛ soronko wɔ wɔn mfɛfo Yudafo de no ho nkutoo ne gyidi a na wɔwɔ sɛ Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no) ma ɛdan baasakoro nkyerɛkyerɛ a ntease nni mu. Wokuraa abosonsomfo gyidi pii a Misrifo na wɔde bae na Plato nso de emu nkyerɛkyerɛmu bae no mu sɛ ɛfata sɛ wogye di.”

“Ɛfata sɛ wogye di”? Wopene so? Yesu Kristo daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ ne nokware asuafo “som Agya no wɔ . . . nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Yiw ɛsɛ sɛ yɛn som ne nokware no a yehu wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no hyia. Nea ɛka eyi ho ne gye a yebegye Yesu Kristo atom sɛ “Onyankopɔn Ba,” na ɛnyɛ Ɔba Nyankopɔn. (Yohane 20:31; 1 Yohane 4:15) Eyi hwehwɛ sɛ yɛpow abosonsom ne emu atorosɛm nyinaa. Bɛboro mfe ɔha ni, nsɛmma nhoma a worekenkan mprempren yi aboa nnipa koma pafo ɔpepem pii ma wɔresom Onyankopɔn koro, no, “Yehowa, Amansan Hene no,” ‘wɔ nokware mu.’​—Dwom 140:7, New World Translation

[Ase hɔ nsɛm]

a Ebia ebinom bɛdan adwene akɔ Yohane 5:17, 18 so, faako a ɛka sɛ: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n’ankasa n’agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.” Nanso, na Yohane reka nea na Yudafo a wonnye nni no dii mfomso susuwii sɛ saa na Yesu kyerɛ no, sɛ ɔyɛ “ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ” no ho asɛm. Eyi da adi wɔ nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ wodii mfomso toto Yesu ano sɛ ɔsɛe Homeda no mu.​—Fa toto Mateo 5:17-19 ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Dɛn nti na yenhu sɛ Yudafo asɔretiafo no kasa tia nkyerɛkyerɛ a wɔ wɔn fam no ebetumi ayɛ abususɛm no?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

“Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no. Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. Na afei, agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!”​—Yohane 17.3-5.

[Kratafa 7 adaka]

Dɛn Nti na Enni Mu?

Ɛdefa “ahohiahia kɛse” bere no ho no, Mateo 24:36 kenkan wɔ Authorized Version, anaa King James Version no mu sɛ: “Na ɛda no ne dɔn ko no de, onipa biara nnim, dabi, ɔsoro abɔfo mpo nnim, gye sɛ m’Agya no nko.” Hyɛ no nsow sɛ nsɛmfua “ne Ɔba no” yɛ nea wɔayi afi mu, ɛwom sɛ epue wɔ nkyerɛase ahorow pii mu de. Dɛn nti na enni mu? Ɛda adi sɛ na saa nkyekyem yi haw Baasakorofo no! Efisɛ dɛn nti na Ɔba no ntumi nhu nneɛma a Agya no nim​—sɛ wɔyɛ pɛ a? Ɛreka Mateo 24:36 ho asɛm no, The Codex Sinaiticus and The Codex Alexandrinus a Britania Tete Nneɛma Akorae no so mpanyimfo tintimii no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sinaiticus ne Vaticanus [Bible nsaano nkyerɛwee] de ne Ɔba no ba wɔ ɔsoro no akyi, ɛda adi sɛ woyii mfitiase de no fii mu esiane nkyerɛkyerɛ ho akyinnyegye ho hu nti.”

[Kratafa 4 mfoni]

Sɛnea Baasakoro no te wɔ afeha a ɛto so 14 Ɔhotewfo Petro Katolek Asɔredan mu wɔ Tagnon, Franse

[Kratafa 8 mfoni]

So na wunim sɛ baasakoro anyame wɔ hɔ bere tenten ansa na Kristosom reba?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena