Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/80 kr. 1-3
  • Mmofra—So Mode Mo No Hyem?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—So Mode Mo No Hyem?
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ƐSƐ SƐ WODE WO HO HYEM
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Yɛn Ani Gye Yɛn Mmofra No Ho
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Mmabun, Monnantew Sɛnea Ɛsɛ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 3/80 kr. 1-3

Mmofra​—So Mode Mo No Hyem?

1 Ɛdefa biribiara a eye ho no, nea ɛwɔ he na wopɛ, sɛ wode w’ani bɛhwɛ ara kwa anaa wubenya mu kyɛfa? Wunim sɛ wo ho a wode bɛhyem no ye, na dwumadi a anigye wom ye sen ani a wode bɛhwɛ ara kwa. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ bere a woresua agodi ahorow? Bere a wunya nkɔso wɔ mu no,w’anigye nso kɔ anim. So wunim sɛ asafo dwumadi ahorow mu a wode wo ho hyɛ betumi ama woanya anigye ne mfaso pii anaa?

2 Mmofra, mubetumi aboa asafo no ma asafo no nso aboa mo, sɛ mode mo ho hyɛ nneɛma ahorow mu a. Abofra bi bisaa onua a ɔde ne ho hyɛɛ asafo dwumadi ahorow mu wɔ ne mmofraase pɛɛ no ɔkwan a ɔnam so bɛyɛɛ ɔmantam sohwɛfo. Bere a ɔkaa ntetee a wɔde maa no wɔ fie ne asafo dwumadi ahorow mu a ɔde ne ho hyɛe ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Wɔde asɛyɛde a edi kan hyɛɛ me nsa bere a midii mfe 12. Na efi saa bere no ‘manya pii ayɛ wɔ Yehowa adwuma mu daa.’”​—1 Kor. 15:58.

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ WODE WO HO HYEM

3 Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ mmofra de wɔn ho hyɛ nokware som mu. Ɔyɛɛ nhyehyɛe maa mmofra wɔ ne som mu. (Dw. 110:3; Mat. 19:14; 21:16) Mmofra, sɛ mode mo ho hyɛ asafo dwumadi ahorow mu yiye a, munya Yehowa din ho san mu kyɛfa, na gyidi nhwɛso pa a moyɛ no ma afoforo hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam. Ɛwom sɛ nnwuma pii wɔ asetra mu a mmofra betumi de wɔn ho ahyem de, nanso Yehowa, Amansan Hene, no a yɛbɛsom no no sen ne nyinaa. ‘Enti yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam mu. Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.’​—Ɔsɛnk. 11:9-10; 12:1; 1 Tim. 4:8.

4 Kae sɛ obi a afei na wasua agoru bi no rentumi nhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ agofo no mu panyin; na saa ara na ɛsɛ sɛ mmofra di kan de wɔn ho hyɛ Kristofo mfitiase dwumadi ahorow mu ansa na wɔatumi ahwɛ kwan sɛ wɔde dwumadi akɛse bɛhyɛ wɔn nsa. (Luka 16:10) Nea edi kan no, te sɛ abofra Yesu no, kɔ so ‘nyin nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.’ (Luka 2:51, 52) Sua akenkan yiye. Bɔ wo sukuu adesua ho mmɔden ne w’abusua ne asafo mu adesua nso ho mmɔden. Ma wo nkɔso nna adi wɔ Teokrase Sukuu no mu denam mmɔden a wobɔ sɛ wobɛma dwumadi biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa atu mpɔw asen nea atwam no so. Fa dwumadi biara a ɛte saa aniberesɛm na fa afotu a sukuu sohwɛfo de ma wo di dwuma. ‘Anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonion no bɔɔ’ Kristoni aberante Timoteo ‘din pa,’ efisɛ ɛda adi sɛ ɔbɔɔ mmɔden wɔ n’abusua asetra mu na ɔde ne ho hyɛɛ asafo no Kristofo dwumadi ahorow mu.​—Aso. 16:1, 2.

5 Mpanyimfo, monhyɛ mmofra nkuran mma wɔmfa wɔn ho nhyɛ dwumadi ahorow mu. Awofo, montete mo mma ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔanya ɔpɛ sɛ wobenya ɔsom kronn mu dwumadi ahorow mu kyɛfa. Mo ankasa monyɛ nhwɛso na mo mmabarima ne mo mmabea anya ɔpɛ sɛ wobedi mo nhwɛso pa no akyi wɔ Kristofo nhyiam horow ne dwumadi ahorow mu kyɛfa a wɔne mo benya mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena