Yɛ Wɔn A Wɔka Wo Ho Wɔ Gyidi Ho Mu Yiye
1 So wunim nneɛma a ehia anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu no honhom mu ne ɔhonam mu? So woasusuw sɛnea wubetumi aboa wɔn no ho? So wubetumi ayɛ nea wohia no ho biribi? (Mmeb. 3:27) Anaa, so wotaa gyaw nsɛm a ɛtete saa ma afoforo?
2 Hwɛ fɛ ara a ɛyɛ sɛ anuanom a wɔn ho akokwaw ma wɔn ani da hɔ wɔ afoforo ahiade ho na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn ansa na biribi anaa adeyɛ bi de wɔn akɔ honhom mu ɔhaw mu. Onyansafo fam no, afotu a efi Kyerɛwsɛm mu a wofi ayamye mu de ma taa yɛ nea ɛdɔɔso.
NEA YEBETUMI AYƐ
3 Anuanom mmarima bi a wɔanyin honhom mu kyerɛ mmofra no binom ho anigye sɛ agyanom wɔ Ahenni Asa so, titiriw wɔn a wɔn agyanom anaa wɔn nanom nni nokware no mu, na wɔnam saa kwan yi so boa wɔn ma wokwati nsɛm a emu yɛ den a mmofra taa hyia no binom. Eyi ye mmom sen sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ateɛ onii no so akyiri yi bere a asɛm bi aba.
4 Wɔ Galatifo 6:2 no Paulo kyerɛwee sɛ: “Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nsoa, na saa na mode bewie Kristo mmara so di.” Wɔde “Kristo mmara” ho asɛm a wɔka yi atõa Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 13:34 ne 35 a ɛkyerɛ sɛ n’asuafo bɛdodɔ wɔn ho wɔn ho no mu. Na nkuranhyɛ bɛn ara na ɛyɛ sɛ yɛboa afoforo a wɔwɔ asafo no mu ma wɔn adesoa yɛ hare bere a yebetumi.
5 Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn ankasa gye simma kakra de susuw wɔn a yenim wɔn wɔ asafo no mu no ho, sɛ ebia wɔn a wɔwɔ yɛn nhoma adesua kuw mu, a ebia yebetumi aboa wɔn. So yɛakɔsra wɔn wɔ wɔn afie, anaa yɛato nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛsra yɛn? Ɔmansin sohwɛfo bi kɔsraa onuawa bi a na ɔnkɔɔ asɛnka bere tenteenten. Ohui sɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa nanso na ohia mmoa. Wɔboaa no na otumi kɔɔ asɛnka saa dapɛn no mu. Wubetumi ahu anigye a onyae sɛ obi kyerɛe sɛ ne ho hia no na ɔfrɛɛ no adidi mpo akyiri yi wɔ dapɛn no mu.
NNEƐMA NKETENKETE MPO BOA
6 Sɛ́ yetumi yɛ pii anaasɛ yetumi yɛ kakraa bi no ho nhia, na mmom afoforo ho anigye a yɛbɛkyerɛ na ɛho hia titiriw. Krataa tiaa a yɛkyerɛw obi, nsrahwɛ, nsa a yɛto frɛ obi anaa telefon a yɛfrɛ obi, ne no susuw adekyee mu asɛm ho, boa no ɔkwan bi so, honam fam anaa honhom mu—eyinom nyinaa tumi boa.
7 Ɛtɔ da bi a anuanom mmea bi tumi hwɛ afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ asɛnka mma. Ebinom kɔfa afoforo kɔ nhyiam horow anaa adansedi. Afoforo nso tumi kɔsra ayarefo wɔ fie anaa ayaresabea. Na bere a wɔyɛ eyi no, wonya biribi a ɛhyɛ nkuran de gyaw wɔn—sɛ ebia osuahu bi anaa Kyerɛwsɛm mu asɛm bi te sɛ Dwom 55:22 anaa 41:3. Nsɛm a ɛtete saa betumi ayɛ nea ɛhyɛ gyidi den kɛse. Na yɛn nyinaa betumi abɔ mpae ama yɛn ho yɛn ho, titiriw sɛ yenim sɛ asɛm bi wɔ hɔ nanso yentumi nhu nea yɛn ankasa betumi ayɛ de aboa a.
8 Ahɔhoyɛ su a na tete Kristofo wɔ no nso yɛ biribi a eye sɛ yesuasua. Ɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no nya nkɔso. Paulo si saa su fɛfɛ yi so dua bere a ose: “Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu. Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Gal. 6:9, 10.