Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 1/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Abusua mu Anigye Ba?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye
    Nya Abusua Asetra Mu Anigye
  • Abusua No—Ɛyɛ Nnipa Ahiade!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Hokwan a Wowɔ Wɔ Yehowa Abusua Mu No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 1/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Efesofo 3:14, 15 ka sɛ Onyankopɔn na “wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so.” So mmusua wɔ soro, na nnipa abusua biara nya ne din fi Yehowa hɔ wɔ ɔkwan bi so anaa?

Mmusua biara nni soro te sɛ asase so de, a ɛwɔ agya, ɛna, ne mma—a wɔn nyinaa wɔ honam fam abusuabɔ. (Luka 24:39; 1 Korintofo 15:50) Yesu daa no adi pefee sɛ abɔfo nware, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔwo mma.—Mateo 22:30.

Nanso, Bible ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ waware ne soro ahyehyɛde no; waware wɔ honhom mu. (Yesaia 54:5) Saa ɔsoro ahyehyɛde no wo mma, te sɛ abɔfo no. (Hiob 1:6; 2:1; 38:4-7) Ɛnde, honhom fam abusua nwonwaso bi wɔ soro wɔ saa kwan yi so.

Bio nso, wɔrehyehyɛ sɛnkyerɛnne kwan so abusua foforo bi wɔ soro, a Yesu Kristo ne n’ayeforo asafo 144,000 no na wɔwom. (2 Korintofo 11:2) Wɔn a wɔasra wɔn yi mu dodow no ara awuwu dedaw a wɔwɔ ɔsoro asetra ho anidaso. Wɔn mu bi da so te ase wɔ asase so. Wɔn nyinaa de ahopere hwɛ “oguammaa no ayeforohyia” a ɛbɛba so wɔ soro no kwan. Bible no de saa aware no bata bere a ahohiahia kɛse a ɛreba no bedu no ho—Babilon Kɛse no sɛe, ne Satan nhyehyɛe nkae no a wobeyi afi hɔ.—Adiyisɛm 18:2-5; 19:2, 7, 11-21; Mateo 24:21.

Ɛdefa asase so mmusua ho no, ɔsomafo Paulo nkyerɛ wɔ Efesofo 3:15 sɛ Yehowa ankasa na ɔto abusua biara din. Mmom no, ɛda adi sɛ nea na ɛwɔ Paulo adwene mu ne abusua santen bi a ɛwɔ abusua din. Yosua 7:16-19 ma yɛn nhwɛso. Saa bere no na Yehowa repa Akan bɔne ho ntama. Nea edi kan no, afobu baa Yuda abusuakuw no so anaa ɛsoɛɛ wɔn nkutoo so. Ɛno akyi no, ebesii Serahfo abusua no so. Awiei koraa no, Akan fiefo ho daa hɔ. Wobuu Akan ne ne yere ne ne mma sɛ wofi Akan nanabarima Sabdi fie (anaa abusua) mu, anaa wɔkaa wɔn ho asɛm saa. Na saa abusua no nso yɛ abusuakuw kɛse a na ekura wɔn nana Serah din.

Na abusua santen a ɛte saa no ho hia Hebrifo no yiye, na wɔakyerɛkyerɛw ebi din wɔ Bible no mu. Onyankopɔn ma wɔkoraa so denam nsiesiei a ɔyɛe maa, sɛ ɛho behia a, adedifo atumi ama abusua bi din atra hɔ denam Okunu nua aware so.—Genesis 38:8, 9; Deuteronomium 25:5, 6.

Sɛ́ mmusua santen ho nhwɛso foforo no, susuw Yesu a na ɔyɛ Dawid ba no ho. Ɛda adi sɛ na ɔnyɛ Ɔhene Dawid ba tẽẽ, efisɛ wɔwoo no wɔ Dawid wu akyi mfehaha pii. Nanso, ade biako a na wɔde behu Mesia no ne sɛ na wɔbɛwo no wɔ Dawid abusua mu sɛnea na Yudafo dodow no ara nim no. (Mateo 22:42) Na Yesu yɛ Dawid aseni fi ne maame ne ne maame kunu nyinaa anato mu.—Mateo 1:1; Luka 2:4.

Nanso ɔkwan bɛn so na mmusua a ɛtete saa no nya wɔn din fi Yehowa hɔ? Nokwasɛm ne sɛ, mmere bi wɔ hɔ—te sɛ wɔ Abraham ne Isak fam—a Yehowa ankasa too abusua ti bi din. (Genesis 17:5, 19) Na ɛnonom yɛ tebea a ɛda nsow. Mpɛn pii no, ɛnyɛ Yehowa na ɔma abusua biara din a wɔde frɛ wɔn mma.

Nanso, Yehowa na ofii nnipa abusua ase bere a ɔhyɛɛ Adam ne Hawa sɛ ‘wɔnwo na wɔnnɔ, na wɔnyɛ asase so ma’ no. (Genesis 1:28) Na Yehowa maa Adam ne Hawa a wɔnyɛ pɛ no woo mma, na ɔnam saa kwan no so too fapem maa nnipa mmusua nyinaa. (Genesis 5:3) Enti wɔ akwan horow so no, wobetumi afrɛ Onyankopɔn sɛ mmusua din Farebae.

Ɛnnɛ, nkurɔfo pii nte nka bio sɛ ehia sɛ wɔma wɔn abusua din tra hɔ awo ntoatoaso pii mu. Nanso, wɔ nsase nyinaa so no, Kristofo da Yehowa ase wɔ abusua nhyehyɛe no ho, na wodi no ni denam yere a wɔyere wɔn ho ma wɔn mmusua yɛ yiye no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena