Nkitahodi Wɔ Kristofo Ɔsom Adwuma No Mu
“Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.”—MATEO 28:19.
1. Ahyɛde a Kristo de mae bɛn na ɛkyerɛ sɛ nkitahodi ho hia?
YESU ahyɛde a ɛwɔ atifi hɔ no ma yenya asɛnnennen a ɛne nkitaho a yɛne nkurɔfo bedi wɔ yɛn som adwuma mu bere a yɛkɔ afie afie, yɛyɛ sankɔhwɛ, na yenya Ahenni asɛmpaka no afã horow nyinaa mu kyɛfã no. Nea ɛka saa ahyɛde no ho ne asɛyɛde a ɛne sɛ yɛbɛma wɔahu Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne Mesia Ahenni a mprempren Yesu di so no ho nokware.—Mateo 25:31-33.
2. Sɛ yebetumi adi nkitaho ɔkwan a etu mpɔn so a, dɛn na yehia?
2 Yɛbɛyɛ dɛn adi nkitaho wɔ ɔkwan a etu mpɔn so? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yegye nea yɛreka ho asɛm no di. Yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, ɛsɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no, sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa, ne sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne adesamma anidaso koro pɛ. Saa kwan no so no, yɛn nkyerɛkyerɛ bɛyɛ nea efi komam, na ɛbɛyɛ nea yɛreyɛ osetie ama Paulo afotu a ɔde maa Timoteo no, sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Timoteo 2:15.
Nkitahodi a Ɔkasa Nka Ho
3-5. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi nkitaho bere a yɛnkasa? (b) Osuahu ahorow bɛn na edi eyi ho adanse?
3 Mpɛn pii no, wɔde nsɛmfua na edi nkitaho. Nanso, nokwarem no, yɛne afoforo di nkitaho ansa na yɛne wɔn akasa mpo. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam yɛn nneyɛe ne sɛnea yesiesie yɛn ho so. Mfe bi a atwam ni no, ɔsɛmpatrɛwfo bi a wawie Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu de po so hyɛn tuu kwan kɔɔ faako a wɔmaa no dwumadi wɔ amannɔne no. Wodii nna kakraa bi wɔ po no so no, obi a onnim no bisaa no nea enti a ɔyɛ soronko wɔ afoforo a wɔwɔ hyɛn no mu nyinaa ho saa. Na ɔsɛmpatrɛwfo no nam n’ahosiesie ne ne nneyɛe kɛkɛ so reda biribi a ɛda nsow adi—sɛ ɔwɔ gyinapɛn ahorow soronko na wotumi bɛn no. Eyi maa ɔsɛmpatrɛwfo no nyaa hokwan a ɛfata de dii adanse.
4 Bio nso, onuawa bi a na ogyina kwan ho de nsɛmma nhoma rema wɔn a wɔretwam no serew adamfofa kwan so kyerɛɛ ɔbea bi a obetwaam wɔ ne nkyɛn. Ɔbea yi fii ase sɛ ɔresian atrapoe a ɛkɔ keteke gyinabea bi. Afei ɔsesaa n’adwene, ɔsan kɔɔ onuawa no nkyɛn kɔsrɛe sɛ wɔne no nyɛ ofie Bible adesua. Dɛn na ɛyɛɛ no fɛ no? Ɛwom sɛ Ɔdansefo a na ɔreyɛ mmorɔn so asɛnka adwuma no amma no Bible ho nhoma biara de, nanso ɔserew kyerɛɛ no adamfofa kwan so.
5 Nhwɛso a ɛto so abiɛsa ni: Adansefo nkumaa bi kodidii wɔ adidibea bi mu, na wɔn ho dwiriw wɔn bere a obi a wonnim no baa wɔn ɔpon ho betuaa wɔn aduan no ka maa wɔn no. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Na wɔn nneyɛe ayɛ no fɛ. Na Kristofo nkumaa yi ama nea wonnim no yi ahu sɛ wɔyɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn wɔ bere a na wɔnkaa asɛm biara nkyerɛɛ no. Ɛda adi pefee sɛ yɛnam yɛn nneyɛe, ahosiesie, ne adamfofa su so ne afoforo di nkitaho mpo ansa na yɛakasa.—Fa toto 1 Petro 3: 1, 2.
Nneɛma ho Susuw ho Hia wɔ Nkitahodi Mu
6. Fa sɛnea nneɛma ho susuw ho hia yiye wɔ nkitahodi mu ho nhwɛso ma.
6 Sɛ yɛnam kasa so ne nkurɔfo di asɛmpa no ho nkitaho a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛne afoforo besusuw nsɛm ho, na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ katee wɔ nea yɛka ho. Yɛkenkan mpɛn pii sɛ Paulo ne wɔn a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn no susuw nsɛm ho. (Asomafo no Nnwuma 17:2, 17; 18:19) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ne nhwɛso no akyi? Wiɛ, ebia wiase nsɛm tebea a ɛkɔ so sɛe no ama ebinom adwenem ayɛ wɔn naa wɔ wɔ a ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn bi a ɔdɔ adesamma na odwen wɔn ho no wɔ hɔ no ho. Nanso, yebetumi ne wɔn asusuw nsɛm ho, ma wɔahu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bere ama biribiara. (Ɔsɛnkafo 3:1-8) Enti, Galatifo 4:4 se Onyankopɔn bere a wahyɛ dui no, ɔsomaa ne Ba baa asase so. Eyi bae bere a odii kan hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa no akyi mfe mpempem pii. Saara na sɛ bere a wahyɛ no du a, ɔbɛma amanehunu ne nsɛmmɔnedi aba awiei. Bio nso, Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ nsɛm bi a ɛho hia yiye nti na Onyankopɔn ama amanehunu ne nsɛmmɔnedi akɔ so atra hɔ bere tenten saa. (Fa toto Exodus 9:16 ho.) Nneɛma ho a wobesusuw saa kwan yi so, na wɔde mfatoho ne Kyerɛwnsɛm mu adanse ahorow a emu yɛ den aka ho no bɛboa nnipa komapafo ma wɔahu sɛ wɔrentumi nnyina nsɛmmɔnedi a abu so no so nnye akyinnye sɛ Yehowa nni hɔ anaasɛ onnwen yɛn ho.—Romafo 9:14-18.
7, 8. Ɔkwan bɛn so na nneɛma ho susuw betumi aboa yɛn ma yɛne Yudani a ogye Mose mmara no nyinaa di no adi nkitaho?
7 Fa no sɛ bere a wokɔ afie afie no, ofiewura bi ka kyerɛ wo sɛ: “Meyɛ Yudani. M’ani nnye w’asɛm no ho.” Dɛn na wobɛka? Onua biako bɔ amanneɛ sɛ ɔkwan a edi so yi so a ɔfae no ma otumi dii tebea no so nkonim: ‘Migye midi sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ Mose yɛ adiyifo a wɔsen biara a Onyankopɔn de wɔn adi dwuma pɛn no mu biako. Na so wunim sɛ ɔkae nea a wɔakyerɛw wɔ Deuteronomium 31:29 no, sɛ: “Na minim sɛ me wu akyi no . . . [mobɛman] afi ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye.”? Na Mose yɛ nokware diyifo, enti na ɛsɛ sɛ ne nsɛm no bam. So ebetumi aba sɛ ɛbaa mu bere a Onyankopɔn somaa Mesia no baa Yudafo no nkyɛn no, na ɛno nti na Yudafo no annye no antom no anaa? Ebetumi aba sɛ na ɛte saa. Sɛ ɛte saa sɛ mfomso na wodii a, so ɛsɛ sɛ ɛno ma wo ne me nso di mfomso koro no ara?’
8 Kae nso sɛ Yudafo no ahu amane pii wɔ Kristoman nsam, titiriw no wɔ yɛn afeha yi mu. Enti ebia wobɛpɛ sɛ woka kyerɛ ofiewura no sɛ yɛnka ho na wɔyɛɛ wɔn saa. Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛpɛ sɛ woka sɛ: ‘So wunim sɛ bere a na Hitler di tumi no, Yehowa Adansefo sɔre tiaa pow a ɔpow Yudafo no? Wɔpowee nso sɛ wɔbɛka “Heil Hitler” (Hitler Mmo) na wɔasom sɛ n’asraafo.’a
9, 10. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nneɛma ho susuw aboa obi a ogye hell-gya di?
9 Sɛ worebɔ mmɔden ne obi a ogye hell-gya di adi nkitaho a, ebia wo ne no besusuw ho sɛ ɛsɛ sɛ obi nya ɔkra a enwu da ansa na watumi ahu amane daa wɔ hell. Nea ogye hell-gya di no bɛpene so ntɛm ara. Afei wubetumi aka sɛnea wɔbɔɔ Adam ne Hawa no ho kyerɛwtohɔ ho asɛm na woabisa no adamfofa kwan so sɛ so wahyɛ no nsow sɛ wɔaka ɔkra a enwu bi ho asɛm wɔ saa kyerɛwtohɔ no mu anaa. Bere a wokɔ so ne no susuw nsɛm ho no, wubetumi atwe n’adwene asi Genesis 2:7 so, faako a Bible no kyerɛ yɛn sɛ Adam bɛyɛɛ ɔkra no. Na hyɛ nea Onyankopɔn kae sɛ ebefi Adam bɔne mu aba no nsow: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Enti, Adam a ɔyɛ ɔkra no san kɔɔ dɔte mu.
10 Wubetumi atwe adwene asi nokwasɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn anka daa amanehunu wɔ hell-gya mu ho asɛm wɔ Genesis kyerɛwtohɔ no mu baabiara no so nso. Bere a Onyankopɔn bɔɔ Adam kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ odi aduaba a wabara ne di no, ɔkae sɛ: “Da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Wɔanka hell-gya biara ho asɛm. Sɛ na nea ebefi bɔne a Adam bɛyɛ mu aba ankasa no renyɛ owu, ‘dɔte mu a ɔbɛsan akɔ,’ na mmom daa amanehunu a, ɛnde so ɛnyɛ atɛntrenee sɛ Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ eyi mu pefee anaa? Enti, ahwɛyiye ne ayamye mu a wofi ne obi a ɔyɛ komapafo susuw nsɛm ho no bɛboa no ma wahu abirabɔ ahorow a ɛwɔ ne gyidi no mu no. Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛma afoforo adwen nsɛm ho no so bere a yɛka Onyankopɔn Asɛm mu nokware kyerɛ wɔn no.—Fa toto 2 Timoteo 2:24-26; 1 Yohane 4:8, 16 ho.
Su Horow a Ehia Ma Nkitahodi a Etu Mpɔn
11-13. Kristofo su horow bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛne afoforo adi nkitaho ɔkwan a etu mpɔn so?
11 Afei, su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya na ama yɛatumi ne afoforo adi Ahenni nokware ahorow ho nkitaho ɔkwan a etu mpɔn sen biara so? Wiɛ, dɛn na Yesu nhwɛso no kyerɛ yɛn? Yɛkenkan wɔ Mateo 11:28-30 sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” Ɛhɔ na yehu nneɛma a ɛmaa Yesu tumi dii nkitaho yiye no mu biako. Na odwo na ɔbrɛ ne ho ase wɔ komam. Ɔmaa nnipa komapafo nyaa ɔhome. Ɔsomafo Paulo nso yɛɛ nhwɛso pa, efisɛ, sɛnea ɔka kyerɛɛ Efeso mpanyimfo no, efi da a edi kan a ɔbaa wɔn nkyɛn no, ‘ɔde ahobrɛase adwene nyinaa’ som Awurade.—Asomafo no Nnwuma 20:19.
12 Ɛdenam ahobrɛase adwene a yebeyi adi akyerɛ bere nyinaa so no, yɛbɛma afoforo anya ɔhome, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛne wɔn bedi nkitaho. Su foforo biara a ɛnte sɛ eyi no bɛyɛ akwanside wɔ yɛne wɔn a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne wɔn bedi nkitaho no ntam. Nokwarem no, “ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 11:2.
13 Sɛ yebetumi aka asɛm akyerɛ afoforo ɔkwan a etu mpɔn so a, ehia nso sɛ yenya abodwokyɛre na yɛyɛ anifere. Nokwarem no, ɔsomafo Paulo de anifere dii dwuma bere a odii nyansapɛfo a wobehyiaam wɔ n’anim wɔ Mars Koko so no adanse no. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛte ase so. (Asomafo no Nnwuma 17:18, 22-31) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne yɛn atiefo di nkitaho yiye a, ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɔsomafo Paulo de maa Kolosefo no bere a ɔkae sɛ: “Momma mo nkɔmmɔbɔ ho mmra nyam bere nyinaa, ɛnyɛ dɛ; munsua sɛnea mo ne obiara a muhyia no no bɛkasa yiye.” (Kolosefo 4:6, The New English Bible) Ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ nyam bere nyinaa. Kasa a ɛte sɛɛ no betumi ama yɛn atiefo ayɛ aso atie yɛn, nanso nsɛm a nyansa nnim a yɛbɛka no bɛma wɔato wɔn adwenem.
14. Ɔkwan bɛn so na yɛn ho a yɛrempere, ne nkɔmmɔbɔ su betumi aboa yɛn ma yɛne afoforo adi nkitaho?
14 Yɛpɛ sɛ wohu yɛn bere nyinaa sɛ yɛmpere yɛn ho. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn atiefo sɛ wobetie yɛn. Yɛn ho a yɛmpere no kyerɛ sɛ yɛremmɔ mmɔden pii sɛ yɛn nkutoo bɛkasa. Mmom no, yɛnam yɛn ho a yɛmpere ne nsɛm a yebisa adamfofa kwan so no so ma yɛn atiefo no nya hokwan kasa bi. Bere a yɛreyɛ bɔnnɔ so asɛnka titiriw no, nyansa wom sɛ yɛbɛhyɛ onii no nkuran na wakasa. Sɛ nhwɛso no, bere bi wɔde Ɔdansefo bi traa Roma Katolek ɔsɔfo bi nkyɛn wɔ wimhyɛn bi mu. Ɔdansefo no kɔɔ so de anifere bisabisaa ɔsɔfo no nsɛm bɛboro dɔnhwerew biako, na bere a ɔsɔfo no ma mmuae no, ɛmaa ɔno kasae pii. Nanso eduu bere a wɔtetew mu no, na ɔsɔfo no agye Bible nhoma ahorow pii. Ntoboase a yebenya sɛɛ no bɛboa yɛn ma yɛatumi de su foforo bi a ɛho hia, a ɛne tema, adi dwuma.
15, 16. Ɔkwan bɛn so na tema betumi aboa yɛn ma yɛne afoforo adi nkitaho?
15 Tema kyerɛ mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛte nka sɛnea afoforo te nka no. Ɔsomafo Paulo huu sɛnea tema ho hia no yiye, sɛnea yetumi hu wɔ nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu no: “Na mede me ho ade nyinaa mu de, nanso mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa, na manya pii. Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo; wɔn a wɔwɔ mmara ase no, menhyɛ mmara ase de, nanso meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no. Wɔn a wonni mmara ase no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ nea onni mmara, ɛnyɛ sɛ minni mmara Onyankopɔn anim, na mmom mewɔ Kristo mmara mu, na manya wɔn a wonni mmara no. Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛ nea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya mmerɛwfo; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.”—1 Korintofo 9:19-22.
16 Sɛ yebesusua ɔsomafo Paulo wɔ eyinom mu a, ehia sɛ yɛyɛ anifere, yenya nhumu, na yɛhwɛ ade yiye. Tema bɛboa yɛn ma yɛne yɛn atiefo adi nokware no ho nkitaho ma ɛne sɛnea wosusuw nsɛm ho na wɔte nka no ahyia. Nhoma Reasoning From the Scriptures boa pii wɔ eyi mu. Fa kɔ asɛnka bere nyinaa.
Ɔdɔ—Ade a Ɛboa wɔ Nkitahodi Mu
17. Kristofo su horow nyinaa mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo sen biara wɔ nokware no ho nkitaho a yebedi no ɔkwan a etu mpɔn so mu, na ɔkwan bɛn so na wɔda no adi?
17 Ahobrɛase, boasetɔ, ne tema ho hia yiye wɔ nkitahodi mu, na ama wɔatumi aka asɛm akyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Nanso, nea ɛsen biara no, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim bɛboa yɛn ma yɛatumi adu afoforo komam. Yesu yam hyehyee no maa nkurɔfo no efisɛ na “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Ɔdɔ na ɛkaa Yesu ma ɔkae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” (Mateo 9:36; 11:28) Ɛyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma nkurɔfo nti na yɛn nso, yɛpɛ sɛ yɛma wɔhome na yɛboa wɔn ma wosi nkwa kwan so. Yɛn nkrasɛm no fa ɔdɔ ho, enti momma yɛnkɔ so nka no ɔdɔ kwan so. Ɔdɔ yi da adi wɔ adamfofa kwan so serew mu, wɔ ayamye ne odwo mu, wɔ anigye ne ɔhyew mu.
18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo, sɛnea osuasuaa Owura no?
18 Ɔsomafo Paulo suasuaa ne Wura Yesu Kristo fɛfɛɛfɛ wɔ eyi mu. Dɛn nti na otumi hyehyɛɛ asafo ahorow toatoaa so pii saa? Ne nnamyɛ nti anaa? Yiw. Nanso ɔdɔ a ɔdaa no adi no nso ka ho. Hyɛ nsɛm a ɛda ɔdɔ adi a ɔka faa asafo foforo a na ɛwɔ Tesalonika no ho no nsow: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” Paulo a yebesusua no no bɛboa yɛn wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛne afoforo bedi nkitaho no mu.—1 Tesalonikafo 2:7, 8.
19. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma asasesin a ɛnsow aba bu yɛn abam?
19 Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛne afoforo bedi nkitaho na wɔanyɛ wɔn ade sɛnea yɛhwɛ kwan no a, so ɛsɛ sɛ yɛn aba mu bu? Dabida. Na Bible Asuafo (sɛnea kan no na wɔfrɛ Yehowa Adansefo) no taa ka sɛ ɛsɛ sɛ obi nya su horow abiɛsa no. Ehia sɛ wodi nokware, wɔbrɛ wɔn ho ase, na wodi kɔm wɔ honhom mu. Yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ nnipa a womfi wɔn komam nyɛ ade, wɔn a wonni nokware, begye asɛm no atom; na saara na yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ ankorankoro a wɔyɛ ahantan anaa ahomaso betie asɛmpa no. Bio nso, sɛ obi di nokware na ɔbrɛ ne ho ase kakraa bi mpo, na sɛ honhom mu ɔkɔm nne no a, ɛrentumi mma sɛ obegye nokware no atom.
20. Dɛn nti wobetumi aka bere nyinaa sɛ yɛn mmɔdenbɔ nyɛɛ ɔkwa ɛ?
20 Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wuhyia wɔn wɔ w’asasesin mu no mu bebree bɛyɛ wɔn a wonni su horow abiɛsa no mu biako anaa nea ɛboro saa. Odiyifo Yeremia hyiaa asɛm koro no ara. (Yeremia 1:17-19; fa toto Mateo 5:3 ho.) Nanso yɛn mmɔdenbɔ renyɛ ɔkwa ara da. Dɛn ntia? Efisɛ yɛbɔ Yehowa din ne n’Ahenni ho dawuru. Ɛdenam yɛn asɛnka ne wɔ a yɛwɔ hɔ so no, yɛrebɔ abɔnefo kɔkɔ. (Hesekiel 33:33) Na ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi da sɛ yenya mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛne afoforo bedi nokware no ho nkitaho no mu mfaso. (1 Timoteo 4:16) Yɛma yɛn gyidi mu kɔ so yɛ den na yɛn Ahenni anidaso no kɔ so yɛ anigye. Bio nso, yɛkɔ so kura yɛn mudi mu na yɛnam saa kwan no so tew Yehowa Nyankopɔn din ho, na yɛma ne koma ani gye.—Mmebusɛm 27:11.
21. Sɛ yɛbɔ asɛm no mua a, dɛn na yebetumi aka?
21 Sɛ yɛbɔ asɛm no mua a, ɛne sɛ: Nkitahodi yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so ma afoforo hu biribi. Nkitahodi ho hia yiye, na sɛ wogyae nkitahodi a, ɛsɛe ade pii. Yɛahu sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ne nkitahodifo a wɔsen biara, ne sɛ Yesu Kristo paw wɔn a ɔnam wɔn so bedi nkitaho wɔ yɛn nna yi mu. Yɛahu nso sɛ yɛnam yɛn ahosiesie ne nneyɛe so di nkitaho, de nkra nsɛm ma afoforo. Yɛasua sɛ nneɛma ho susuw ho hia yiye wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛne afoforo bedi nkitaho no mu, ne sɛ sɛ yebetumi ne afoforo adi nkitaho ɔkwan a etu mpɔn so a, ehia sɛ yenya ahobrɛase, tema, boasetɔ, ne, nea ɛsen biara no, koma a ɔdɔ ahyɛ no ma a ɛkanyan yɛn. Sɛ yenya su horow yi, na yedi Bible mu nhwɛso ahorow akyi a, yɛbɛyɛ Kristofo a wotumi di nkitaho yiye.—Romafo 12:8-11.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wunya sɛnea wɔne Yudafo a wɔwɔ gyidi ne afoforo di nkitaho ho nyansahyɛ pii a, hwɛ Reasoning From the Scriptures, nkratafa 21-4.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na nkitahodi fi ase ansa na wɔakasa?
◻ Nkitaho a wɔnam nneɛma ho a wosusuw wɔ ɔkwan a etu mpɔn so di no ho nhwɛso bi ne dɛn?
◻ Su horow bɛn na ɛmaa Yesu Kristo ne Paulo tumi ne afoforo dii nkitaho ɔkwan a etu mpɔn so?
◻ Sɛ nea yɛhwɛ kwan no amma ntɛm a, dɛn nti na ɛho nhia sɛ yɛn aba mu bu?